Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:53

[1] Mfeɛ dunan akyi, me ne Barnaba sane kɔɔ Yerusalem. Mede Tito nso kaa me ho.

[2] Mekɔeɛ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me sɛ menkɔ. Me ne mpanimfoɔ no yɛɛ nhyiamu kokoam kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka mekyerɛɛ Amanamanmufoɔ no mu kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɔ dada ne deɛ megu so reyɔ no yɛ ɔkwa.

[3] Ɛwom sɛ me boafoɔ Tito yɛ Helani deɛ, nanso wɔanhyɛ no sɛ ɔntwa twetia.

[4] Mmom, nnipa bi a wɔboapa yɛɛ wɔn ho sɛ anuanom no bi a wɔde wɔn ho abɔ kuo no pɛɛ sɛ wɔtwa no twetia. Saa nnipa yi baa yɛn mu sɛ akwansrafoɔ bɛhwɛɛ ahofadie a yɛnam yɛn a yɛne Kristo ayɛ baako so anya no, na wɔnam so adane yɛn nkoa no.

[5] Sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Asɛmpa no bɛtena mo nkyɛn nti, yɛamma wɔn kwan koraa.

[6] Wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitire no, sɛdeɛ wɔte biara no, meka sɛ, menhunu wɔn ntam nsonoeɛ biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanimfoɔ no mfaa adwene foforɔ biara mmɛkaa mʼasɛm no ho.

[7] Na mmom, wɔhunuu sɛ Onyankopɔn de dwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ Amanamanmufoɔ sɛdeɛ ɔde dwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafoɔ no ara pɛ.

[8] Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɔ adwuma sɛ Yudafoɔ mu somafoɔ no ara na ɔnam me so yɔ adwuma wɔ Amanamanmufoɔ mu sɛdeɛ Petro yɔ Yudafoɔ mu adwuma no pɛ.

[9] Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanimfoɔ no, gye too mu sɛ, Onyankopɔn ama me dwuma sononko bi sɛ menni, enti wɔkyeaa me ne Barnaba. Wɔpenee so sɛ yɛnyɔ adwuma wɔ Amanamanmufoɔ no mu na wɔn nso wɔnyɔ adwuma wɔ Yudafoɔ no mu.

[10] Wɔbisaa sɛ yɛnkae ahiafoɔ wɔ wɔn kuo no mu sɛdeɛ mepɛ sɛ meyɔ no.

[11] Berɛ a Petro baa Antiokia no, metiaa deɛ ɔreyɛ no mu wɔ badwa mu, ɛfiri sɛ, na ɔreyɛ mfomsoɔ.

[12] Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no bɛduruu hɔ no, na Petro ne anuanom Amanamanmufoɔ no to nsa didi. Nanso, nnipa no bɛduruiɛ akyi no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, ɛfiri sɛ, na ɔsuro wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtwa Amanamanmufoɔ twetia no.

[13] Anuanom Yudafoɔ a aka no yɛɛ sɛ ahufoɔ de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn ho.

[14] Mehunuu sɛ deɛ wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa no wɔ Petro ne badwa no anim sɛ, “Woyɛ Yudani, nanso woyɛ wo ho sɛ Amanamanmuni. Wonyɛ wo ho sɛ Yudani. Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ahyɛ Amanamanmufoɔ ama wɔatena ase sɛ Yudafoɔ?”

[15] Ɛyɛ nokorɛ sɛ yɛyɛ Yudafoɔ firi yɛn awoɔ mu. Yɛnyɛ Amanamanmufoɔ nnebɔneyɛfoɔ no.

[16] Yɛnim sɛ ansa na obi bɛfata Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɔ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛdeɛ yɛnam so bɛfata Onyankopɔn anim; na ɛnyɛ mmara no apɛdeɛ a yɛyɛ no so.

[17] Sɛ yɛpɛ sɛ wɔbu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so anaa? Ɛnte saa koraa.

[18] Na sɛ mefiti aseɛ di mmara a magyae akyire di so a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofoɔ.

[19] Na Mmara no nti, mawu. Mmara no ankasa aku me sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, mɛtena ase mama Onyankopɔn. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu

[20] enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu.

[21] Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a ɔwuiɛ no yɛ ɔkwa.

Galatifoɔ — Chapters