[1] Asɛm a mereka ne sɛ, mprɛ dodoɔ a ɔdedifoɔ no yɛ abɔfra no, ɛwom sɛ agyapadeɛ no nyinaa hyɛ ne nsa deɛ, nanso nsonoeɛ biara nna ɔno ne akoa ntam.
[2] Ɛsiane sɛ ɔnyiniiɛ no nti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ, toto nnoɔma ma no kɔsi berɛ a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnane agyapadeɛ no mma no no.
[3] Saa ara na na yɛn nso yɛ teɛ na yɛtesɛ mmɔfra a wiase ahonhom di yɛn so.
[4] Nanso, mmerɛ pa no duruiɛ no, Onyankopɔn somaa ɔno ankasa ne Ba. Ɔbaa sɛ ɔba a ɛna awo no bɛhyɛɛ Yuda Mmara ase
[5] de gyee wɔn a na wɔhyɛ Mmara no ase no sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, yɛbɛyɛ Onyankopɔn mma.
[6] Afei a yɛyɛ ne mma yi, Onyankopɔn asoma ne Ba no Honhom aba yɛn koma mu. Na Honhom no frɛ Onyankopɔn sɛ, “Agya, mʼAgya.”
[7] Enti, wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Ɛsiane sɛ woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.
[8] Mmerɛ bi a atwam no, na monnim Onyankopɔn, enti mosom wɔn a na wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa.
[9] Nanso, afei a moahunu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na mopɛ sɛ modane mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn nti na mopɛ sɛ moyɛ wɔn asomfoɔ bio?
[10] Modi nna, abosome, nnapɔnna ne mfeɛ bi.
[11] Mesuro ma mo sɛ masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho kwa.
[12] Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, sɛdeɛ me nso ɛberɛ bi mepɛɛ sɛ me yɛ te sɛ mo no. Monyɛɛ me bɔne biara.
[13] Dabi moanyɔ, nanso na monim sɛ me firii aseɛ kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no na meyare.
[14] Ɛwom sɛ na me yadeɛ no ha mo deɛ, nanso moampo me. Mmom, mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Onyankopɔn bɔfoɔ; mogyee me sɛdeɛ mobɛgye Kristo Yesu.
[15] Mo ani gyeeɛ na saa anigyeɛ no wiee sɛn? Mɛtumi aka sɛ, sɛ mobɛtumi a, anka mobɛtutu mo ani de ama me.
[16] Nokorɛ a meka kyerɛ mo nti na afei mabɛyɛ mo tamfoɔ yi?
[17] Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wɔnni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtete me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho sɛdeɛ wɔn ani ku mo ho no.
[18] Sɛ menni mo nkyɛn mpo a ɛyɛ sɛ mobɛdwene dwuma pa die a ɛbɛkɔ so daa ho.
[19] Me mma pa, mo a mo nti merehunu awoyea bio kɔsi sɛ Kristo bɛtena mo mu no,
[20] ɛyɛ me pɛ sɛ anka mewɔ mo nkyɛn na me ne mo dwennwene nsɛm bi ho, nanso, ɛsiane yɛn ntam kwan ware a ɛware no nti, menhunu deɛ menyɔ
[21] Mɛbisa mo a mopɛ sɛ mohyɛ Mmara no ase no sɛ, monte deɛ Mmara no ka no anaa?
[22] Mmara no se, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenawa bi woo baako na ɔne ɔbaa bi a ɔde ne ho nso woo baako.
[23] Afenawa ba no, wɔwoo no honam kwan so, ɛnna ɔbaa a ɔde ne ho no nso, nam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo ne ba no.
[24] Saa asɛm yi yɛ mfatoho ɛfiri sɛ, saa mmaa baanu yi gyinaa hɔ maa apam mmienu. Mmaa no mu baako a ne din de Hagar a ɔfiri bepɔ Sinai so no woo ne mma nyinaa wɔ nkoasom mu.
[25] Hagar wɔ hɔ ma bepɔ Sinai a ɛwɔ Arabia a ɔgyina hɔ ma Yerusalem a ɔne nʼasefoɔ nyinaa yɛ nkoa.
[26] Nanso, Yerusalem a ɛwɔ soro no deɛ, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn maame.
[27] Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Di ahurisie wo a wonnwoo da. Wo a wonkoo awoɔ da, ma wʼani nnye, ɛfiri sɛ, wobɛnya mma bebree asene ɔbaa a waware akyɛ.”
[28] Anuanom, moyɛ bɔhyɛ mma sɛdeɛ Isak teɛ no.
[29] Saa berɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Onyankopɔn Honhom mu woo no no. Na ɛnnɛ yi ɛte saa.
[30] Na Atwerɛsɛm no ka sɛn? Ɛka sɛ, “To afenawa no ne ne ba no twene; ɛfiri sɛ, afenawa ba no rennya kyɛfa wɔ ne papa agyapadeɛ mu sɛ ɔbaa a ɔde ne ho no ba no.”
[31] Enti, anuanom, yɛnyɛ afenawa no mma, na mmom, yɛyɛ ɔbaa a ɔde ne ho no mma.