[1] Nsra a ɛtɔ so mmiɛnsa a merebɛsra mo ni. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adanseɛ a nnipa baanu anaasɛ baasa bɛdi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.”
[2] Berɛ a mebaa mo nkyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu bio seesei a menni mo nkyɛn yi. Sɛ mesane ba bio a, mo anaa nnipa afoforɔ bi a wɔayɛ bɔne no, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn,
[3] ɛfiri sɛ, mopɛ sɛ mohunu nsɛnkyerenne bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛ sɛ ɔbɛyɔ mo mu adwuma, na mmom, ɔwɔ tumi wɔ mo mu.
[4] Ɛwom sɛ mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Sɛ yɛde yɛn ho bata ne ho a, yɛn nso yɛyɛ mmerɛ deɛ, nanso yɛn ayɔnkofa a yɛne no wɔ nti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.
[5] Monsɔ mo ho nhwɛ na mommu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidie mu anaa. Monim yie sɛ Kristo Yesu te mo mu anaa? Sɛ ɔnte mo mu a, na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no.
[6] Menim yie sɛ mobɛhunu sɛ yɛanni nkoguo.
[7] Afei, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ, morenyɛ biribiara a ɛnyɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a nnipa bɛhunu sɛ yɛadi nkonim; nso wɔhu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkoguo wɔ sɔhwɛ no mu.
[8] Yɛrentumi nsɔre ntia nokorɛ, na mmom, nokorɛ nkoa na ɛsɛ sɛ yɛgyina ma no.
[9] Sɛ yɛhunu sɛ yɛyɛ mmerɛ na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti, yɛn nso yɛrebɔ mpaeɛ sɛ mobɛyɛ pɛ.
[10] Ɛno nti na meretwerɛ saa krataa yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, sɛ meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na monnyini na mo mu antete no so, na me ne mo anni no aniberɛ so.
[11] Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn no ne mo bɛtena.
[12] Momfa onuadɔ nkyeakyea mo ho mo ho.
[13] Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa kyeakyea mo.
[14] Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.