Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:17

[1] Mewɔ anidasoɔ sɛ, sɛ meyɛ nkwaseadeɛ koraa a, mobɛgye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa.

[2] Metwe mo ho ninkunu, sɛdeɛ Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbaabunu a, mahyɛ ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo no bɔ sɛ mede mo bɛma no aware.

[3] Mesuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mobɛgyae sɛdeɛ ɔwɔ no nam anifere so daadaa Hawa no.

[4] Mode anigyeɛ gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforɔ a ɔnyɛ deɛ yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mogye honhom no ne asɛmpa a nsonoe da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.

[5] Mennye nni sɛ meyɛ “Asomafoɔ” no mu abomfiaa.

[6] Ebia mʼano ntee deɛ, nanso mʼadwene mu abue. Ɛkwan biara so, yɛama mo ate saa asɛm yi ase.

[7] Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛdeɛ ɛbɛma mo akorɔn. Bɔne a meyɛeɛ ne sɛ meyɛɛ saa?

[8] Berɛ a na mereyɔ mo mu adwuma no, asafo afoforɔ bi na na wɔtua me ka.

[9] Berɛ a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menha mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sedeɛ na ɛte mmerɛ a atwam no, saa ara nso na daakye bɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da.

[10] Kristo nokorɛdie a ahyɛ me ma nti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da.

[11] Adɛn nti na meka saa? Ɛfiri sɛ, mennɔ mo anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.

[12] Mɛkɔ so madi dwuma a meredi no seesei yi sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, saa “asomafoɔ” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wɔdi no te sɛ yɛn dwuma a yɛdi no pɛ.

[13] Saa nnipa no nyɛ nokorɛ asomafoɔ. Wɔyɛ atorɔ asomafoɔ a wɔnam twa atorɔ wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafoɔ.

[14] Ɛnyɛ me nwanwa, ɛfiri sɛ, ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdane yɛ sɛ hann.

[15] Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ nʼasomfoɔ tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awieeɛ no, wɔbɛnya wɔn nneyɔeɛ so akatua pɛpɛɛpɛ.

[16] Meti mu ka bio sɛ: Ɛnsɛ sɛ obiara susu sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mesusu saa a, ɛnneɛ monnye me sɛdeɛ mobɛgye ɔkwasea na menam so matumi mahoahoa me ho.

[17] Asɛm a mereka yi nyɛ deɛ Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea.

[18] Nanso, ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu nti, me nso mɛyɛ saa.

[19] Mo ankasa mo ani ate nti mode anigyeɛ gye nkwaseafoɔ.

[20] Mogye obi a ɔhyɛ mo so anaa deɛ ɔnya mo ho biribi anaa deɛ ɔsum mo fidie anaa deɛ ɔmmu mo anaa deɛ ɔbɔ mo ani so.

[21] Mefɛre sɛ mɛgye yei ato mu, nanso yɛn ahoɔmmerɛ na ɛma yɛyɛɛ saa. Sɛ obi tumi de biribi hoahoa ne ho a, ɛnneɛ na mekasa sɛ ɔkwasea; me nso mɛtumi ahoahoa me ho wɔ dekodeɛ no ho bi.

[22] Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ anaa? Me nso meyɛ bi.

[23] Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Mekasa sɛ ɔbɔdamfoɔ. Nanso, meyɛ ɔsomfoɔ pa sene wɔn. Mayɔ adwuma a ɛyɛ den sene wɔn; mada afiase mprɛ bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owuo nso.

[24] Yudafoɔ bɔɔ me mmaa aduasa nkron ahodoɔ num.

[25] Romafoɔ bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wɔsii me aboɔ pɛnkorɔ. Metenaa ahyɛn mu maa ɛbɔeɛ mprɛnsa. Medii nsuo ase nnɔnhwere aduonunan pɛn.

[26] Mʼakwantuo ahodoɔ mu, mehyiaa nsuyire ne akwanmukafoɔ. Mehunuu amane wɔ Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ nsam. Mehunuu nkuro so amane. Mehunuu wuram amane. Mehunuu ɛpo so amane ne nnamfoɔ a wɔnka nokorɛ nsam amane.

[27] Mayɔ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mprɛ pii menna. Ɔkɔm ne sukɔm dee me. Mprɛ pii mennya aduane a ɛbɛso me nni. Mennya baabi nna anaa atadeɛ nhyɛ.

[28] Berɛ biara na mema asafo ahodoɔ no ho nsɛm yɛ me asɛnhia.

[29] Sɛ obi yɛ mmerɛ a ɛma me nso meyɛ mmerɛ. Sɛ obi ka ɔfoforɔ kɔ bɔne mu a, ɛma me werɛ ho.

[30] Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nnoɔma a ɛkyerɛ me mmerɛyɛ no mu.

[31] Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo.

[32] Berɛ a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfoɔ wɛn kuro no pono pɛɛ sɛ wɔkye me.

[33] Nanso, wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasuo bi a apae tokuro mu de me sii fam maa medwane firii ne nsam.

II Korintofoɔ — Chapters