Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:02

[1] Ɛwom sɛ ahohoahoa ho nni mfasoɔ biara deɛ, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso, afei mɛka anisoadehunu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no.

[2] Menim okristoni bi a mfeɛ dunan ni biribi hwim no de no kɔɔ soro. “Mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim.”

[3] Meti mu bio. Menim sɛ wɔhwim saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. “Bio mennim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim.”

[4] Na ɛhɔ na ɔtee nnoɔma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yie, nnoɔma a onipa anofafa ntumi nka.

[5] Enti, mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho gye sɛ nnoɔma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛ no ho.

[6] Sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho a, anka merenyɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ, anka mɛka nokorɛ. Nanso, merenhoahoa me ho, ɛfiri sɛ, mempɛ sɛ obiara bu me otitire sene sɛdeɛ wahu na wate afiri me nkyɛn no.

[7] Sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ɛnam saa adiyisɛm nwanwaso yi nti meremma me ho so no, ɔbonsam somaa ne bɔfoɔ ma ɔde honam mu yea a ɛmu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase.

[8] Mebɔɔ yei ho mpaeɛ mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma ɛmfiri me so nkɔ.

[9] Ne mmuaeɛ a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo na berɛ a woayɛ mmerɛ no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti, ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛyɛ hoahoa me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mɛte Kristo banbɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.

[10] Ɛsiane Kristo nti, mepene mmerɛyɛ, ɔyɛa, amanehunu, ɔtaa ne akwansideɛ so. Ɛfiri sɛ, me mmerɛyɛ mu no na meyɛ den.

[11] Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mogye me tom. Na sɛ menyɛ hwee a, ɛkwan biara so no, menyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsene “Asomafoɔ” a mobu wɔn no.

[12] Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ.

[13] Dwumadie no bi yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ. Adɛn nti na moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, ɛfiri sɛ, mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo momfa saa mfomsoɔ no nkyɛ me.

[14] Yei ne ne mprɛnsa so a masiesie me ho pɛ sɛ mebɛsra mo. Na meba nso a, meremmisa mo biribiara. Mo na merehwehwɛ mo.

[15] Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo nti, mɛhwere deɛ mewɔ ne mʼadagye de aboa mo. Ɛsiane sɛ medɔ mo yie no nti, mo dɔ a modɔ me no so bɛte anaa?

[16] Mobɛte aseɛ sɛ na menyɛ adesoa mma mo. Nanso, obi bɛka sɛ, na meyɛ ɔdaadaafoɔ a mede nnaadaa yii mo.

[17] Ɛkwan bɛn so? Menam abɔfoɔ a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo anaa?

[18] Mesomaa Tito sɛ ɔnkɔ, ɛnna mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo anaa? Ɔno ne me nyinaa kura adwene korɔ nni dwuma korɔ?

[19] Ebia, modwene sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tete yɛn ho wɔ mo anim. Dabi! Yɛkasa sɛdeɛ Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɔ no nso, me nnamfo pa, yɛyɔ de boa mo.

[20] Mesuro sɛ, sɛ meduru hɔ a, sɛdeɛ anka mepɛ sɛ mehu mo no, merenhu mo saa. Saa ara nso na sɛdeɛ anka mopɛ sɛ mohu me no, morenhu me saa. Menim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibereɛ, abufuo ne pesɛmenkomenya, ɔya ne nsekuo, ahantan ne basabasayɛ no.

[21] Mesuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn bɛgu mʼanim ase wɔ mo anim na mɛsu mama wɔn a wɔayɛ bɔne dada na wɔnnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne adwamammɔ ho no.

II Korintofoɔ — Chapters