[1] Ɛho nhia sɛ metwerɛ mo fa mmoa a ɛsɛsɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yudea no ho.
[2] Menim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa nti, mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekaa sɛ, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a ɛtwaam no mu.” Mo ahokeka no akanyane wɔn mu fa kɛseɛ no.
[3] Afei, merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nyɛ nsɛnkeka kwa. Na, sɛdeɛ mekaeɛ no, mobɛsiesie mo ho aboa.
[4] Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me firi Makedonia ba bɛhunu sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn anim bɛgu ase. Mo nso mo anim bɛgu ase bi sɛ modii yɛn hwanmmɔ.
[5] Enti, medwene ho hunuu sɛ, ɛyɛ sɛ anuanom bi di mʼanim kan na wɔkɔpɛ akyɛdeɛ a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, berɛ a mɛduru hɔ no na ɛwɔ hɔ na adi adanseɛ sɛ mo na momaeɛ ɛfiri sɛ, na mopɛ sɛ moma nti, na mmom, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ moma.
[6] Monkae saa asɛm yi: Onipa a ɔgu aba kakraa bi no, bɛtwa so kakraa bi, na deɛ ɔgu aba bebree no, bɛtwa so bebree.
[7] Mo mu biara mma sɛdeɛ wadwene ho no a, ɛnyɛ sɛ yea anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigyeɛ ma akyɛdeɛ no asɛm.
[8] Na Onyankopɔn bɛtumi ama wo aboro deɛ ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ deɛ ɛho hia wo, na wobɛnya bi nso adi dwuma foforɔ a ɛfata sɛ wodi.
[9] Atwerɛsɛm no ka sɛ “Ɔfiri ne koma mu ma ahiafoɔ, nʼadɔeɛ no tena hɔ daa.”
[10] Na Onyankopɔn a ɔma ogufoɔ no aba ne paanoo sɛ aduane die no bɛma wo nso aba a ɛhia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyini na wadɔeɛ no nti, aso bebree.
[11] Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔeɛ, na ɛnam so ama dodoɔ no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛdeɛ a yenya firi mo nkyɛn no ho.
[12] Saa adɔeɛ a moyɛ yi, monyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ nko, na mmom, ɛnam so ma nnipa bebree da Onyankopɔn ase.
[13] Ɛsiane dwuma a moadi de adi mo ho adanse pa no nti, nnipa gyina nokorɛ a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔeɛ a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn.
[14] Enti, wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpaeɛ ama mo, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so.
[15] Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho.