[1] Saa krataa yi firi me Paulo a Onyankopɔn firi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn. Meretwerɛ akɔma Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔte Efeso a wɔwɔ Kristo Yesu mu gyidie.
[2] Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no mmra mo so.
[3] Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri soro abrɛ yɛn.
[4] Ansa na wɔrebɔ wiase no, na Onyankopɔn ayi yɛn dada sɛ yɛmmɛyɛ ne dea wɔ Kristo mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, yɛbɛyɛ kronn na yɛayɛ pɛ wɔ nʼanim a mfomsoɔ biara nni yɛn ho. Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no nti,
[5] na wayɛ nʼadwene dada sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛka yɛn abata ne ho sɛ ne mma. Yei ne Onyankopɔn pɛ ne ne botaeɛ.
[6] Momma yɛnkamfo Onyankopɔn wɔ nʼadom a ɛdɔɔso ne ne Dɔ Ba a ɔde no kyɛɛ yɛn kwa no ho.
[7] Kristo wu a ɔwuiɛ no ama yɛade yɛn ho. Ɛkyerɛ sɛ wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn;
[8] wahu yɛn mmɔbɔ a ɛnni kabea, ɛfiri sɛ, ɔte yɛn aseɛ na ɔnim deɛ ɛyɛ ma yɛn berɛ biara mu nso.
[9] Onyankopɔn nam deɛ Kristo yɔɔeɛ no so ada nʼnwanwa kwan no adi akyerɛ yɛn.
[10] Sɛ berɛ no so a, Onyankopɔn nhyehyɛɛ a ɔde bɛwie ne sɛ, ɔbɛboaboa abɔdeɛ nyinaa ano, deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.
[11] Onyankopɔn yɛ deɛ ɔpɛ berɛ biara. Ɛno nti na ɔnam Kristo so paw yɛn firi wiase mfitiaseɛ.
[12] Ɔyɛɛ yei, sɛdeɛ yɛn a yɛyɛ Yudafoɔ a yɛn ani daa Kristo so kane no de animuonyam bɛbrɛ no.
[13] Saa ara na na ɛte wɔ mo ho nso. Berɛ a motee nokwasɛm a ɛyɛ Asɛmpa a ɛmaa mo nkwagyeɛ no, mogyee Kristo diiɛ. Onyankopɔn nam Kristo so de Honhom Kronkron hyɛɛ mo nsõ de kyerɛɛ so moyɛ ne dea.
[14] Honhom no yɛ akyigyinadeɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛn nsa bɛka deɛ Onyankopɔn ahyɛ ne nkurɔfoɔ ho bɔ no, na ɔhyɛ yɛn bɔ bio sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn a wɔyɛ ne dea no ahofadie de akamfo nʼanimuonyam.
[15] Ɛsiane yei nti, ɛfiri berɛ a metee gyidie a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no,
[16] mennyaee aseda a meda Onyankopɔn ma mo no da. Mekae mo wɔ me mpaebɔ mu,
[17] na mebisa yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya no sɛ, ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mobɛhunu no.
[18] Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na monhunu ne hann no, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mobɛhunu anidasodeɛ a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no ne ne nhyira nwanwaso a ɔhyɛɛ ne nkurɔfoɔ ho bɔ no.
[19] Mepɛ sɛ mohunu sɛdeɛ ne tumi yɔ adwuma wɔ yɛn a yɛgye no di no mu. Saa tumi a ɛwɔ yɛn mu yi te sɛ tumi kɛseɛ
[20] a ɔnam so maa Kristo sɔre firii awufoɔ mu na wɔde no tenaa nifa so wɔ ɔsoro hɔ no
[21] Kristo di biribiara so wɔ soro hɔ. Ɔdi soro atumfoɔ ne awuranom so na ɔkorɔn sene dibea biara a ɛwɔ tumi a ɛwɔ wiase ha
[22] Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase na ɔde no maa asafo no sɛ Otumfoɔ Awurade a ɔkorɔn sene biribiara.
[23] Asɔre no yɛ Kristo nipadua a ɔno ankasa de ne Honhom hyɛ no ma, ma ewie pɛyɛ wɔ baabiara no.