[1] Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ.
[2] “Di wʼagya ne wo na ni na asi wo yie na wo nna nso aware asase yi so.” Yei no ne mmaransɛm a bɔhyɛ ka ho.
[4] Awofoɔ, monnhyɛ mo mma abufuo. Na mmom, montete wɔn Awurade kwan pa so.
[5] Asomfoɔ, wɔrehwɛ mo nko na monyɛ saa sɛdeɛ mobɛnya wɔn anim nyam, na mmom, momfa mo koma nyinaa nyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ sɛ nʼasomfoɔ.
[7] Momfa anigyeɛ nyɔ mo adwuma sɛ asomfoɔ a moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa.
[8] Monkae sɛ adwuma pa biara a obi yɔ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfoɔ anaa ɔde ne ho no, Awurade bɛtua no so ka.
[9] Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfoɔ na monnyae wɔn ahunahuna. Monkae sɛ mo ne mo asomfoɔ nyinaa wɔ wura baako a ɔwɔ soro; na ɔno deɛ ɔnhwɛ animu mmu atɛn.
[10] Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, momfa mo ahoɔden nhyɛ Awurade mu wɔ ne tumi mu.
[11] Momfa akodeɛ a Onyankopɔn de ama mo no nyinaa nhyehyɛ mo ho sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mobɛtumi asɔre atia ɔbonsam ne ne nnaadaa no.
[12] Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahohommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya.
[13] Yei nti, momfa Onyankopɔn akodeɛ no seesei! Na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina atamfoɔ no anim, na moko wie nso a, moagyina pintinn.
[14] Enti monnyina hɔ; momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ
[15] na momfa Asɛmpa a ɛma asomdwoeɛ no sɛ mpaboa nhyehyɛ mo nan.
[16] Berɛ biara, momfa gyidie nyɛ mo kyɛm. Na ɛno na mode bɛdum ɔbonsam bɛma a ɛredɛ a ɔbɛto no.
[17] Momfa nkwagyeɛ kyɛ ne Onyankopɔn asɛm sɛ nkrantɛ a Honhom no de ama mo.
[18] Monyɛ yei nyinaa wɔ mpaebɔ mu na mommisa Onyankopɔn hɔ mmoa. Berɛ biara, momma Honhom no nni mo kan wɔ mpaebɔ mu. Yei nti monnyina pintinn na mommpa aba. Daa, mommɔ mpaeɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ.
[19] Mommɔ mpaeɛ mma me na sɛ mepɛ sɛ mekasa a, Onyankopɔn ama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduro so mada Asɛmpa no mu ahuntasɛm adi.
[20] Ɛwom sɛ seesei meyɛ odeduani deɛ, nanso Asɛmpa yi nti, meyɛ ɔnanmusifoɔ. Mommɔ mpaeɛ mma me na matumi de akokoduro akasa sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.
[21] Yɛn nua pa, Tihiko, a ɔyɛ Awurade adwumayɔ mu somfoɔ gyidini no bɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mobɛhunu dwuma a meredi.
[22] Yei nti na meresoma no mo nkyɛn, ama wabɛka sɛdeɛ yɛresi kɔ so akyerɛ mo na wasane ahyɛ mo nkuran nso.
[23] Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma anuanom nyinaa asomdwoeɛ ne ɔdɔ a gyidie wɔ mu.
[24] Adom nka wɔn a daa wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no.