[1] Me a ɛsiane sɛ mesom Awurade nti meyɛ odeduani no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no mu.
[2] Berɛ biara monnwo, monyɛ dinn na monto mo bo ase.
[3] Daa momma Honhom no nni mo kan na mo ne mo ho mo ho ntena ase asomdwoeɛ mu.
[4] Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ sɛdeɛ anidasoɔ baako a Onyankopɔn nam so afrɛ mo wɔ hɔ no.
[5] Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako na ɛwɔ hɔ.
[6] Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa Agya no a ɔsane yɛ yɛn nyinaa Awurade no, ɔno na ɔnam yɛn nyinaa so di dwuma, na ɔwɔ yɛn nyinaa mu no.
[7] Yɛn mu biara wɔ akyɛdeɛ bi a Kristo de ama yɛn.
[8] Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Berɛ a ɔkɔɔ soro no, ɔfaa nneduafoɔ bebree kaa ne ho; ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.”
[9] Afei, “ɔkɔɔ soro” no ase kyerɛ sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi kan no, ɔbaa fam, asase ase pɛɛ.
[10] Enti deɛ ɔbaa fam no ara na ɔkɔɔ soro kɔhyɛɛ wiem nyinaa.
[11] Ɔno na “ɔmaa nnipa akyɛdeɛ” no; ɔyii ebinom maa wɔbɛyɛɛ asomafoɔ, afoforɔ bɛyɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ bɛyɛɛ asɛmpakafoɔ. Ebi bɛyɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ.
[12] Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa Kristo adwumayɔ na wɔnam so ama Kristo nipadua no agyina.
[13] Yei bɛkɔso akɔsi sɛ yɛn gyidie ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ bɛka yɛn abɔ mu. Afei yɛbɛwie nyini te sɛ Kristo na yɛasɛ no koraa.
[14] Yɛrenyɛ mmɔfra a nnipa bi nam wɔn nkyerɛkyerɛ so kyerɛkyerɛ afoforɔ, daadaa wɔn de wɔn kɔ mfomsoɔ mu no bi bio.
[15] Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu.
[16] Ne nti na honam no akwaa hodoɔ sosɔ ne ho ne ho mu, nam ɔdɔ mu nyini berɛ a wɔn mu biara di ne dwuma no.
[17] Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ Amanamanmufoɔ a wɔnni adwene pa bi,
[18] na esum aduru wɔn adwene no. Wɔnni kyɛfa wɔ asetena a Onyankopɔn ma no mu ɛfiri sɛ, wɔapirim wɔn koma.
[19] Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afideɛ ahodoɔ nyinaa bi a wɔnnu wɔn ho.
[20] Ɛnyɛ saa na mosua faa Kristo ho.
[21] Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na sɛ moyɛ nʼakyidifoɔ nti, wɔkyerɛɛ mo nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu.
[22] Enti, monte mo ho mfiri mo suban dada no a ɛde mo kɔɔ nnaadaa mu no ho.
[23] Momma Honhom no nyɛ mo koma ne mo adwene foforɔ,
[24] na montena ase wɔ suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso a ɛda abrabɔ pa a ɛtene na ɛyɛ kronn no mu no.
[25] Monntwitwa atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu.
[26] Sɛ wo bo fu a, mma wʼabufuo no mfa wo nkɔ bɔne mu na mma adeɛ nnkye wʼabufuo so.
[27] Mma ɔbonsam kwan.
[28] Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ.
[29] Mma kasa bɔne mfiri wʼanom, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ wɔ deɛ ɛhia wɔn mu ne wɔn a wɔtie mo no.
[30] Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so ahyɛ mo nkwagyeɛ ho bɔ no awerɛhoɔ.
[31] Monnyae anoɔyea, bo bɔne, abufuo, ateatea, ayeyayeya ne ɔtan nyinaa.
[32] Monyɛ mo ho mo ho adɔeɛ na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.