[1] Ɛsiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma kann no nti, ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden na mosɛ no.
[2] Ɛsɛ sɛ ɔdɔ di mo abrabɔ so sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn no nti, ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam na ɛsɔ Onyankopɔn ani no.
[3] Ɛsiane sɛ moyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nti, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ adwamammɔ anaa afideɛ anaa anibereɛ so de bata mo din ho.
[4] Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi. Mmom, ɛsɛ sɛ moda Onyankopɔn ase.
[5] Monnya nteaseɛ sɛ, obiara a ɔbɔ adwaman na ɔyɛ afideɛ, na ɔyɛ oniberefoɔ (anibere yɛ abosonsom no bi) no, rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahennie no mu bi.
[6] Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Ɛfiri sɛ, saa nnoɔma no na ɛma Onyankopɔn bo fu wɔn a wɔyɛ asoɔden no.
[7] Enti, mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara.
[8] Na mo ankasa mowɔ esum mu, nanso ɛsiane sɛ moabɛyɛ Awurade nkurɔfoɔ no nti, moaba hann mu. Enti, ɛsɛ sɛ motena ase sɛ nnipa a wɔyɛ hann mma.
[9] Ɛfiri sɛ, hann no yɛ mo nokwafoɔ ne treneefoɔ.
[10] Monsua deɛ ɛsɔ Awurade ani yɛ.
[11] Montwe mo ho mfiri nnoɔma hunu a nnipa yɔ a ɛwɔ esum mu no ho. Na mmom, monna no adi wɔ hann mu.
[12] Ɛyɛ aniwu sɛ wɔka nnoɔma a wɔyɛ no esum mu no ho asɛm.
[13] Nanso hann no bɛ da sɛdeɛ nnoɔma yi teɛ ankasa adi.
[14] Ɛfiri sɛ, hann da biribiara adi. Enti na wɔaka sɛ, “Nyane, wo a woada, na sɔre firi awufoɔ mu! Na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”
[15] Enti, monhwɛ mo asetena so yie pa ara. Monntena ase sɛ wɔn a wɔnnim hwee, na mmom, montena ase sɛ anyansafoɔ.
[16] Berɛ biara a mobɛnya no, monhwɛ no yie ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
[17] Monnyɛ adwenem herɛfoɔ na monhwehwɛ deɛ Awurade pɛ sɛ moyɛ.
[18] Monnnom nsa mmmoro na amfa mo ankɔ ɔsɛeɛ mu. Na mmom, momma Honhom Kronkron no nhyɛ mo ma.
[19] Momfa nnwom mu nsɛm nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ koma mu.
[20] Berɛ biara monna Agya Onyankopɔn ase wɔ biribiara mu wɔ Awurade Yesu Kristo din mu.
[21] Ɛsiane obu a mobu Kristo nti, mommrɛbrɛ mo ho ase.
[22] Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no,
[23] ɛfiri sɛ okunu wɔ tumi wɔ ne yere so sɛdeɛ Kristo nso wɔ tumi wɔ asɔre no so no. Kristo yɛ asɔre no a ɛyɛ ɔno ankasa nipadua no ti ne ne gyefoɔ.
[24] Enti, ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase koraa ma wɔn kununom sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no.
[25] Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asɔre no nti ɔde ne kra too hɔ no.
[26] Na ɔnam asubɔ ne Onyankopɔn asɛm so de tee ho,
[27] de maa ne ho wɔ ne fɛ ne ne kronnyɛ mu a ɛho ntɔɔ kyema bi no.
[28] Ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho.
[29] Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔdidi, hwɛ ne ho yie sɛdeɛ Kristo hwɛ asafo no pɛ;
[30] yɛn nso yɛyɛ ne nipadua ho akwaa bi.
[31] Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Yei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame na ɔde ne ho akɔbata ne yere na wɔn baanu no nyinaa ayɛ baako.”
[32] Saa asɛm yi yɛ nokorɛ na mete aseɛ sɛ ɛfa Kristo ne asafo no ho.
[33] Na ɛfa wo nso wo ho. Ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso bu ne kunu.