[1] Kane no, ɛsiane mo asoɔden ne mo bɔne nti, na moawuwu wɔ honhom mu.
[2] Saa berɛ no na modi bɔne a ɛwɔ wiase no akyi. Motiee deɛ ɔdi wiem atumfo so a ɛnnɛ yi ɔno na ɔdi wɔn a wɔntie Onyankopɔn asɛm no so no.
[3] Nokorɛm, na yɛn nyinaa te sɛ wɔn, na yɛtenaa ase maa yɛn ho, yɔɔ deɛ yɛpɛ sɛ yɛyɔ biara. Yɛn nso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuo ba yɛn so saa ara.
[4] Nanso, Onyankopɔn ahummɔborɔ ne ne dɔ a ɔdɔ yɛn no sõ,
[5] ɛfiri sɛ, yɛn asoɔden nti, yɛwuwuu wɔ honhom mu no, ɔde yɛn ne Kristo baa nkwa mu. Onyankopɔn adom nti na wɔagye mo nkwa.
[6] Onyankopɔn nyanee yɛn ne Kristo Yesu firii owuo mu kɔɔ nkwa mu, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro.
[7] Ɔyɔɔ yei de daa ne dɔ a ɔbɛda no adi akyerɛ yɛn wɔ Yesu Kristo mu wɔ nna a ɛrebɛba no mu no adi.
[8] Onyankopɔn adom nti na monam gyidie mu anya nkwa. Ɛmfiri mo ara mo nneyɔeɛ mu, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn akyɛdeɛ mu.
[9] Wo nyɛɛ biribiara a ɛno nti ɛsɛsɛ wɔgye wo nkwa, enti biribiara nni hɔ a wo de bɛhoahoa wo ho.
[10] Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛdeɛ yɛteɛ yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.
[11] Mo a wɔwoo mo Amanamanmufoɔ, na Yudafoɔ, wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, frɛ mo wɔn a wɔntwaa twetia, a ɛkyerɛ deɛ na nnipa yɛ wɔ honam mu, monkae sɛdeɛ na moteɛ, berɛ a atwam no.
[12] Saa berɛ no, na moate mo ho afiri Kristo ho. Na moyɛ ahɔhoɔ a monka wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ho. Na monni apam a ne fapem gyina ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ ne nkurɔfoɔ no mu kyɛfa biara. Na mote wiase ha a monni anidasoɔ na monnim Onyankopɔn.
[13] Nanso, afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.
[14] Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ ayɛ no so de asomdwoeɛ aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu fasuo a na ɛtwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfoɔ no.
[15] Ɔnam ne nipadua so asɛe Mose Mmara ne nʼahyɛdeɛ tumi no. Ɛno nti ama Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ ayɛ baako wɔ asomdwoeɛ mu.
[16] Kristo nam ne wuo a ɔwuu asɛnnua no so no tɔree ɔtan ase. Ɔnam asɛnnua no so kaa aman mmienu no bɔɔ mu maa wɔbɛyɛɛ nipadua korɔ sane de wɔn baa Onyankopɔn nkyɛn.
[17] Enti, Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho no kyerɛɛ wɔn nyinaa. Ɔka kyerɛɛ mo Amanamanmufoɔ a na mommɛn Onyankopɔn no ne mo Yudafoɔ a na mobɛn Onyankopɔn no nyinaa.
[18] Kristo nti na yɛn nyinaa, Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ, nam Honhom korɔ so tumi ba Agya no anim.
[19] Enti seesei, mo Amanamanmufoɔ no, monyɛ ahɔhoɔ bio; mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no yɛ nnipa korɔ na mofra Onyankopɔn abusuafoɔ no mu.
[20] Mo nso wɔde mo asi fapem a asomafoɔ no ne adiyifoɔ no toeɛ a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatiboɔ no so.
[21] Ɔno na ɔkuta ɛdan no afanan nyinaa mu na ɔhwɛ ma ɛnyini bɛyɛ Awurade asɔredan kronkron no.
[22] Mo ne no aka abom nti, wɔasi mo ne afoforɔ nyinaa afra sɛ ɛdan baako a Onyankopɔn nam ne Honhom so te mu.