Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:56

[1] Yei nti, me Paulo a mo Amanamanmufoɔ nti, meyɛ Kristo Yesu deduani no, bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn.

[2] Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ moate sɛ mo yieyɛ nti na Onyankopɔn nam nʼadom so de saa adwuma yi ama me sɛ menyɔ no.

[3] Onyankopɔn daa nʼahuntasɛm no adi kyerɛɛ me. Matwerɛ asɛm tiawa bi afa yei ho,

[4] na sɛ mokenkan deɛ matwerɛ no a, mobɛte me Kristo ahuntasɛm no ase.

[5] Mmerɛ bi a atwam no, na wɔnka saa ahuntasɛm yi nkyerɛ nnipa, nanso afei Onyankopɔn nam Honhom no so ada ahuntasɛm no adi akyerɛ nʼasomafoɔ ne nʼadiyifoɔ kronkron no.

[6] Saa ahuntasɛm yi kyerɛ sɛ Amanamanmufoɔ wɔ kyɛfa wɔ adedie korɔ no mu te sɛ Yudafoɔ a Onyankopɔn nam Asɛmpa no so ahyɛ wɔn bɔ korɔ no ara bi wɔ Kristo Yesu mu.

[7] Onyankopɔn nam nʼadom akyɛdeɛ no so yɛɛ me Asɛm no ho somfoɔ a ɛfiri ne tumi mu.

[8] Ɛwom sɛ me ne aketewa paa ara wɔ Onyankopɔn asomfoɔ no mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a ɛnni awieeɛ no ho nkyerɛ Amanamanmufoɔ.

[9] Na yɛmma nnipa nyinaa nhunu ɛkwan a wɔbɛfa so de Onyankopɔn ahuntasɛm no adi dwuma. Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no pɛɛ sɛ meboa obiara ma ɔte atirimpɔ a wɔde ahunta no ase.

[10] Nyankopɔn nam asɔre no so daa ne nyansa a ɛmu dɔ no adi kyerɛɛ mpaninnie ne tumi a ɛwɔ wiem.

[11] Onyankopɔn nam yɛn Awurade Kristo Yesu so firi ne botaeɛ a ɛnni awieeɛ no mu na ɛdii dwuma no wieeɛ.

[12] Afei Kristo ma yɛn akokoduro ne ahotosoɔ a ɛma yɛnya gyidie ba Onyankopɔn anim.

[13] Mesrɛ mo, mommma mo bo nntu, ɛfiri sɛ, merehunu amane ma mo. Mo na mobɛnya ho mfasoɔ.

[14] Yei nti, mebu nkotodwe wɔ Agya no

[15] a ɔsoro ne fam abusua biara nya ne din firi no no anim.

[16] Mebisa sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam dodoɔ no mu mfa ne Honhom no so nhyɛ mo mu den,

[17] Sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Kristo nam gyidie so bɛtena mo koma mu. Mebɔ mpaeɛ sɛ monnyina pintinn wɔ ne dɔ mu,

[18] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa bɛnya tumi ate Kristo dɔ a ɛkorɔn no ase

[19] na moahunu Kristo dɔ a ɛtra adwene no, na moayɛ ma wɔ Onyankopɔn mu.

[20] Animuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Saa tumi no ma ɔyɛ boro deɛ yɛbisa anaa yɛsusu so.

[21] Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfiri nnɛ nkɔsi daapem. Amen.

Efesofoɔ — Chapters