Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:53

[1] Saa nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn. Wɔde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa.

[2] Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

[3] Berɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.

[4] Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo,

[5] ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi kan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɔ mu.

[6] Yei nti, megye di yie sɛ: Onyankopɔn a ɔfitii aseɛ yɔɔ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.

[7] Sɛdeɛ mo ho adwene pa wɔ me tirim no nti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Ɛfiri sɛ, sɛ meda mpɔkyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom.

[8] Onyankopɔn ankasa di me adanseɛ sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo dɔ mu.

[9] Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini wɔ nimdeɛ ne nteaseɛ mu,

[10] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mobɛhunu deɛ ɛyɛ na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo.

[11] Nnoɔma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no.

[12] Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ nnoɔma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛ.

[13] Ɛno nti, awɛmfoɔ a wɔwɔ ahemfie ha ne afoforɔ a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, ɛsiane sɛ meyɛ Kristo somfoɔ no nti, na meda afiase.

[14] Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoduro so a wɔnsuro hwee.

[15] Ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforɔ, na afoforɔ nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm.

[16] Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no firi ɔdɔ mu na ɛka, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Onyankopɔn asɛm nti na meda afiase.

[17] Afoforɔ a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiase nna yi mu.

[18] Yei nti na ayɛ deɛn, ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na yei nti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye,

[19] ɛfiri sɛ, menim sɛ mo mpaebɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no nti, wɔbɛgyaa me.

[20] Me pɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɔ mʼadwuma; mpo saa berɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me nipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam.

[21] Me deɛ, mʼase a mete ne Kristo; na owuo yɛ me mfasoɔ.

[22] Na sɛ mʼase a mete yi na ɛbɛma matumi matwetwe afoforɔ abrɛ Kristo a, ɛnneɛ na asetena ne owuo, menhunu mu deɛ memfa.

[23] Yei adi me aniani; pɛ na mepɛ sɛ metu wiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ;

[24] nanso mo nti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ.

[25] Menim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno nti, megye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini wɔ gyidie mu anya anigyeɛ.

[26] Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.

[27] Seesei, adeɛ a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata sɛ Kristo Asɛmpa no nko sɛdeɛ ɛbɛyɔ a sɛ yɛhyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mogyina pintinn na mokuta botaeɛ korɔ ne gyidie korɔ wɔ Asɛmpa no ho.

[28] Monnsuro mo atamfoɔ. Biribiara a mobɛyɔ no, momfa akokoduro nnyina pintinn. Na yei bɛdi adanseɛ sɛ wɔbɛdi nkoguo na moadi nkonim, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ka mo ho.

[29] Na mo deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ monni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mobɛhunu amane nso.

[30] Afei mobɛtumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na berɛ a atwam no, mekoeɛ no, na megu so reko sɛdeɛ mote no no.

Filipifoɔ — Chapters