Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:35

[1] Enti, anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asan me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu.

[2] Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu.

[3] Na wo nso a woka me ho a megye wo di no, mepɛ sɛ woboa saa mmaa yi, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛ a Klemens ne mʼahokafoɔ bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nwoma no mu no nso ka ho.

[4] Meka ti mu bio sɛ daa monnya ahosɛpɛ wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛ mo.

[5] Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛ, Awurade bɛba.

[6] Mommma biribiara nnha mo. Daa, mo mpaebɔ nyinaa mu, momfa koma pa mmisa Onyankopɔn deɛ ɛhia mo.

[7] Na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra adeɛ nyinaa so no, bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.

[8] Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ ɛwɔ animuonyam, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛyɛ ɔdɔ, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyie bi wɔ hɔ a, saa nnoɔma yi ho na monnwene.

[9] Deɛ moasua na moanya afiri me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɔeɛ mu no na monyɔ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoeɛ no bɛka mo ho.

[10] Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei deɛ moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokorɛ sɛ modɔ me deɛ, nanso na monnya ho kwan nkyerɛ saa.

[11] Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ moapa me, ɛfiri sɛ, masua ama akokwa me sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mepɛ.

[12] Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahuntasɛm yi enti baabiara ne berɛ biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara.

[13] Ahoɔden a Kristo de ma me no nti, metumi gyina tebea biara ano.

[14] Ɛyɛ sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu.

[15] Mo Filipifoɔ no ankasa nim pefee sɛ berɛ a mefirii Makedonia a na merefiti Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara na moka deɛ menyaeɛ ne deɛ mehwereeɛ ho.

[16] Mewɔ Tesalonika no, berɛ biara a biribi ho bɛhia me no, mode brɛ me.

[17] Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ menya akyɛdeɛ na mmom, nhyira a mobɛnya wɔ mu na na mepɛ sɛ mehunu.

[18] Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛdeɛ no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Yeinom te sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ɔgye, na nʼani sɔ.

[19] Me Nyankopɔn firi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa.

[20] Animuonyam nka yɛn Agya Nyankopɔn daa daa. Amen.

[21] Mekyea ahotefoɔ no wɔ Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyea mo.

[22] Ahotefoɔ no nyinaa kyea mo na ne titire no, Ɔhempɔn Kaesare fiefoɔ.

[23] Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Filipifoɔ — Chapters