[1] Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne dɔ kyekyere mo werɛ naa? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ ma mo ho mo ho anaa?
[2] Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ monnya adwene korɔ wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botaeɛ korɔ mu na mʼanigyeɛ awie pɛyɛ.
[3] Monnyɛ pɛsɛmenkomenya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ animuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mommu mo yɔnkonom nsene mo ankasa mo ho.
[4] Mommma obiara nnnwene ne nko ara nʼadeɛ ho, na mmom, ɔnnwene nʼafɛfoɔ nso deɛ ho bi.
[5] Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo deɛ no bi.
[6] Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu deɛ, nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.
[7] Ɔdanee ne tumi kɛseɛ ne nʼanimuonyam too nkyɛn. Mmom, ɔfirii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baeɛ sɛ onipa bɛyɛɛ nʼadeɛ sɛ onipa.
[8] Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ ɔsetie, de kɔduruu owuo mu, asɛnnua ho wuo mu mpo.
[9] Yei nti, Onyankopɔn maa ne so kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn koraa, maa no din a ɛdi din nyinaa so.
[10] Na ɛno nti, sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa bɛkoto no.
[11] Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.
[12] Enti, me nnamfo pa, sɛdeɛ na me ne mo te hɔ a na motie me no, saa ara nso na berɛ a menni mo nkyɛn seesei yi, ɛsɛ sɛ motie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopoɔ ne suro nyɔ adwuma mfa nwie mo nkwagyeɛ ho adwumayɔ,
[13] ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔma mofiri mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.
[14] Dwuma biara a modi no, monnnwiinwii na monnnye ho akyinnye
[15] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔnka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronn sɛ Onyankopɔn mma nokwafoɔ a wɔte wiase a nkontompofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ahyɛ ma tɔ no mu. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro
[16] wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa, na Kristo Da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no, ɛfiri sɛ, ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mebɛdiiɛ no anyɛ kwa.
[17] Ebia na ɛsɛ sɛ wɔhwie me mogya gu sɛ afɔrebɔdeɛ ne ɔsom a ɛfiri mo gyidie mu. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm na me ne mo nyinaa na ɛnya saa ahosɛpɛ no.
[18] Saa kwan korɔ no ara so na ɛsɛ sɛ mo nso mo ani gye na mo ne me nya ahosɛpɛ.
[19] Anidasoɔ a mewɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛtumi asoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran.
[20] Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no.
[21] Obiara pɛ ɔno ara ne yiedie a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho.
[22] Mo ankasa modi ho adanseɛ sɛ, wakyerɛ mu a ɔdi; wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne ne papa a wɔaka abom adi asɛmpa no ho dwuma.
[23] Sɛ mehunu sɛdeɛ nnoɔma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no wɔ mo nkyɛn.
[24] Na Awurade mu anidasoɔ a mewɔ nti, menim sɛ ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.
[25] Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɔ adwuma, na ɔdi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo somafoɔ de aboa me no wɔ mo nkyɛn
[26] Ne ho pere no sɛ ɔbɛhunu mo nyinaa na ɛha no nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare.
[27] Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso, Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, wamma manni awerɛhoɔ.
[28] Me ho peree me yie sɛ mɛsoma no mo nkyɛn na mohu no a, mo ani asane agye bio na me nso mʼawerɛhoɔ to atwa.
[29] Momfa ahosɛpɛ nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obuo ne nidie mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa,
[30] ɛfiri sɛ, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.