[1] Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnha me sɛ mɛti nsɛm a matwerɛ dada no mu. Ɛyɛ ma mo akwankyerɛ.
[2] Monhwɛ nnebɔneyɛfoɔ no a wɔte sɛ akraman a wɔka sɛ twa na ɛsɛ sɛ onipa twa twetia ansa na wɔanya nkwagyeɛ no yie.
[3] Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokorɛ twetiatwa ato mu. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no, na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti, yɛnya ahosɛpɛ. Yɛmfa yɛn ho nto honam so.
[4] Sɛ obi wɔ hɔ a ɔdwene sɛ sɛ ɔde ne ho to amanneɛ so na ɛyɛ a, anka ɛyɛ me.
[5] Berɛ a medii nnawɔtwe pɛ na wɔtwaa me twetia. Meyɛ Israelni firi mʼawosuo mu. Mefiri Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifoɔ kronn no mu. Sɛ wɔka Yudafoɔ mmara sodie ho asɛm nso a, meyɛ Farisini
[6] a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodie nko na ɛma obi yɛ ɔteneneeni a, ɛnneɛ na me ho nni mfomsoɔ biara.
[7] Nanso, nnoɔma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfasoɔ nyinaa no, ɛsiane Kristo nti, ayɛ adehwereɛ.
[8] Ɛnyɛ ɛno nko, na megye medi nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne nti, mato biribiara atwene. Mefa ne nyinaa sɛ nnoɔma hunu bi, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, me nsa bɛka Kristo,
[9] na mahunu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei, meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ, pɛyɛ a ɛfiri Mmara no mu no. Na mmom mehwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri Kristo mu gyidie ne Onyankopɔn mu a gyidie na ɛyɛ ne fapem.
[10] Deɛ merehwehwɛ ara ne sɛ, mɛhunu Kristo na mɛnya ne wusɔreɛ no mu suahunu, na mahunu nʼamaneɛ no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne wuo no mu,
[11] na mewɔ anidasoɔ sɛ, me nso me wuo akyi, wɔbɛma mʼasɔre afiri owuo mu.
[12] Menka sɛ madi nkonim anaasɛ meyɛ pɛ. Merebɔ mmɔden sɛ mɛnya nkonim abotire a Kristo aka me abata ne ho no nti, wanya ama me no.
[13] Nanso, anuanom, mennye nni sɛ madi saa nkonim no. Adeɛ baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ firi mʼakyi na meyere me ho sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mɛduru deɛ ɛwɔ mʼanim no ho.
[14] Yei nti, metu mmirika kɔ mʼanim tee na madu soro botaeɛ no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.
[15] Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛnyini wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforɔ a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo.
[16] Momma yɛnkɔ so nni mmara a yɛnam so abɔ yɛn bra abɛsi nnɛ no so.
[17] Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa nti, montie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no.
[18] Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no ho no atamfoɔ.
[19] Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛeɛ mu, ɛfiri sɛ, wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nnoɔma. Wɔma wɔn ho so wɔ nnoɔma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu ho no ho, na wɔdwene wiase nnoɔma nko ara ho.
[20] Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛ twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔfiri soro bɛba no.
[21] Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no sɛ ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no.