[1] Saa krataa yi firi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafoɔ no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn.
[2] De kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu gyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.
[3] Berɛ biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase.
[4] Ɛfiri sɛ, yɛate mo gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefoɔ no.
[5] Da a ɛdi kan a motee Asɛmpa no, monyaa mu anidasoɔ a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti, mo gyidie ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidasoɔ a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so.
[6] Ɛfiri da a ɛdi kan a motee Onyankopɔn adom na mohunuu sɛdeɛ ɛteɛ no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛ ara na ɛretrɛ sɛdeɛ mohu no wɔ mo mu no.
[7] Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfoɔ a ɔde gyidie yɔ Kristo adwuma ma yɛn no so na mohunuu yei.
[8] Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.
[9] Ɛsiane saa nti, ɛfiri berɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔmfiri ne pɛ mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no.
[10] Ɛba saa a na mobɛtumi atena ase sɛdeɛ Awurade hwehwɛ na berɛ biara nso, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mobɛdi no, ɛbɛso aba pa na mobɛnyini wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.
[11] Yɛrebɔ mpaeɛ nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ɛkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛ ne boasetɔ bɛgyina biribiara ano.
[12] Momfa ahosɛpɛ nna Agya no a ɛnam ne so nti, moanya deɛ Onyankopɔn akora so ama nʼahotefoɔ a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase.
[13] Ɔgyee yɛn firii sum tumi ase de yɛn baa ne Dɔ Ba no Ahennie mu dwoodwoo,
[14] na ne nti na wɔama yɛade yɛn ho na wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn.
[15] Kristo yɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae.
[16] Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ soro ne asase so, deɛ wɔhu ne deɛ wɔnhu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso.
[17] Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ.
[18] Asafo no yɛ ne nipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa firi no. Ɔno ne Abakan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ɔno nko ara bɛdi adeɛ nyinaa mu kan.
[19] Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no anya Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu.
[20] Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn firi ne pɛ mu de wiase nyinaa sane bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a ɔwuu asɛnnua so no de asomdwoeɛ baeɛ, enti ɔde nnoɔma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.
[21] Berɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfoɔ nso.
[22] Nanso, ɛnam ne Ba no wuo so nti Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mobɛyɛ kronn a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim.
[23] Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidie mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidasoɔ a monyaa no da a ɛdi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti, na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfoɔ no.
[24] Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amaneɛ a merehu so boa deɛ aka wɔ Kristo amanehunu a ɔhunuu wɔ ne honam mu a ɛgyina hɔ ma asafo no no.
[25] Onyankopɔn a mo yiedie nti, ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no somfoɔ. Dwumadie no yɛ nʼasɛm no ka,
[26] a ɛyɛ ahuntasɛm a mfeɛ bebree a atwam no, ɔde huntaa adasamma, nanso afei deɛ, wada no adi akyerɛ nʼahotefoɔ.
[27] Onyankopɔn nhyehyɛɛ ne sɛ, ɔbɛda nʼahuntasɛm a animuonyam wɔ mu no adi akyerɛ nʼahotefoɔ. Ahuntasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu; nʼasekyerɛ ne sɛ Onyankopɔn animuonyam no ka mo.
[28] Ɛno nti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɔ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no, bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu.
[29] Ɛno nti na mede tumi a ɔde ma me no yɛ adwuma den.