[1] Wɔanyane mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei monnwene ɔsoro nnoɔma ho, baabi a Kristo te Onyankopɔn nifa di hene no.
[2] Saa nnoɔma no na momma mo adwene nkɔ so na ɛnyɛ asase yi so nnoɔma.
[3] Ɛfiri sɛ, moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahunta wɔ Onyankopɔn mu.
[4] Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanimuonyam mu.
[5] Wiase akɔnnɔdeɛ te sɛ adwamammɔ, afideyɔ, bɔne ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom no nyinaa, monyi mfiri mo abrabɔ mu.
[6] Wɔn a wɔbɛyɛ asoɔden wɔ saa nnoɔma no ho no, Onyankopɔn abufuo bɛba wɔn so.
[7] Berɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na akɔnnɔsɛm di mo abrabɔ so nti, na mo ankasa modi mo akɔnnɔ akyi.
[8] Afei, monnyae saa nnoɔma yi nyinaa: abufuo, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeya obi anaa mommma kasa a ɛho nte mmfiri mo anom.
[9] Monnnidi atorɔ nkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ, moato nipadua dada ne ne su no atwene
[10] de nipadua foforɔ asi ananmu. Oyi ne onipa foforɔ a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ no no sesa no wɔ ne suban so sɛdeɛɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ma wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.
[11] Ɛsiane saa nti, Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ, twetiatwafoɔ ne momonotoyɛ, awudifoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho nni hɔ bio. Kristo ne ne nyinaa. Kristo wɔ biribiara mu.
[12] Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Ɔpɛ mo asɛm nti na ɔyii mo sɛ ne deɛ, enti monyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, mommrɛ mo ho ase, monnwo na monyɛ abodwokyerɛ.
[13] Mommoaboa mo ho mo ho na obi fom ne yɔnko a, momfa nkyekyɛ mo ho. Sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, saa ara na mo nso momfa nkyekyɛ mo ho mo ho.
[14] Yei nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde baakoyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.
[15] Momma Kristo asomdwoeɛ no ntena mo koma mu. Saa asomdwoeɛ yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua baako mu. Monyɛ nnipa wɔ wɔ ayɛyie.
[16] Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asankuo so nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom. Momfiri mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn.
[17] Biribiara a moyɔ anaa moka no, monyɔ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
[18] Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ ɛsɛ Awurade mu.
[19] Okununom, monnɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.
[20] Mma, adeɛ nyinaa mu, montie mo awofoɔ asɛm na yei na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
[21] Awofoɔ, monnyi mo mma abufuo na ammu wɔn aba mu.
[22] Asomfoɔ, adeɛ nyinaa mu, montie mo wuranom asɛm. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo nti na ɛsɛ sɛ moyɔ na wɔpene mo, na mmom, ɛsiane sɛ modi Awurade ni no nti, momfa koma pa nyɔ.
[23] Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.
[24] Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so adeɛ. Mo nsa bɛka adeɛ a ɔde asie ama ne nkurɔfoɔ no bi. Kristo ne owura a mosom no.
[25] Ɔdebɔneyɛfoɔ te sɛn ara a, bɔne a ɔyɛ no so akatua na ɔbɛnya a animhwɛ biara nni mu.