[1] Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no, honhom a edwo mu, nanso monhwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.
[2] Monsoa mo ho mo ho nnosoa abia na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.
[3] Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ bere ko a ɔnyɛ obiara a, ɔdaadaa ne ho.
[4] Na ma obiara nsɔ ɔno ara adwuma nhwɛ, ɛno na obenya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.
[5] Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.
[6] Ma nea wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne nea ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa.
[7] Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.
[8] Nea ogu ma ne honam no, fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.
[9] Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.
[10] Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.
[11] Monhwɛ nkyerɛwee akɛse a mede me ara me nsa makyerɛw merebrɛ mo yi.
[12] Dodow a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ muntwa twetia.
[13] Na wɔn a wɔatwa twetia no mpo nni mmara no so, na mmom wɔpɛ sɛ mutwa twetia, na wɔahoahoa wɔn ho mo honam mu.
[14] Na me de, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua ama wiase.
[15] Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔde foforo.
[16] Na dodow a wɔnam saa kwan yi so no, asomdwoe ne mmɔborohunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so.
[17] Na efi nnɛ, mommma obiara nnhaw me; na meso Awurade Yesu nkamaa wɔ me nipadua mu.
[18] Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom, anuanom. Amen.