[1] O, Galatifo a moyɛ adwenharefo! Hena na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee pa ara ni?
[2] Eyi nko ara na mepɛ sɛ mete fi mo anom: Monam mmara nnwuma so na munyaa Honhom no, anaasɛ ɛnam gyidi (asɛmpa) a motee no so?
[3] Saa na moyɛ adwenhare? Mode honhom afi ase, afei adɛn na morewie wɔ ɔhonam mu yi?
[4] Muhuu saa amane pii yi kwa; sɛ ɛyɛ ɔkwa de a,
[5] ɛnne nea ɔde Honhom no ma mo na ɔda ne tumi adi mo mu no, ɔnam mmara nnwuma so na ɔyɛ, anaasɛ ɔnam gyidi (asɛmpa) a motee no so?
[6] Na sɛnea Abraham gyee Onyankopɔn dii na wobuu no trenee maa no no,
[7] saa ara nso na munhu sɛ wɔn a wofi gyidi mu no, wɔn ara ne Abraham mma.
[8] Na kyerɛw no dii kan hui sɛ Onyankopɔn fi gyidi mu na obebu amanaman bem nti, ɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wobehyira amanaman nyinaa.
[9] Ɛnne na wɔn a wofi gyidi mu no, wohyira wɔne gyidini Abraham bom.
[10] Na dodow a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma mu no hyɛ nnome ase; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ntena nea wɔakyerɛw no mmara nhoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.
[11] Na ɛda hɔ pefee sɛ, mmara mu de, obiara nteɛ Onyankopɔn anim, efisɛ gyidi mu na ɔtreneeni benya nkwa.
[12] Ɛwom sɛ mmara mfi gyidi mu de, nanso nea odi so no benya mu nkwa.
[13] Wɔde Kristo yɛɛ abusude maa yɛn, ama watɔ yɛn afi mmara nnome ase, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛn dua so,
[14] na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidi so anya Honhom bɔhyɛ no.
[15] Anuanom, mede nea yehu no daa no reyɛ mfatoho: Onipa samansew a wɔde nsa ahyɛ ase mpo, obiara ntumi nsesa no, na ɔmmfa bi nka ho.
[16] Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ. Ɔnka sɛ: Na w’asefo, sɛnea ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ose obiako: Na w’aseni, a ɔne Kristo.
[17] Na eyi na mereka: Apam a Onyankopɔn ahyɛ no den asie (Kristo mu) no, mmara a mfe ahanan aduasa akyi ɛbae no ntumi ntu ngu, na ɛmma bɔhyɛ no nyɛ ɔkwa.
[18] Na sɛ apɛgyade no fi mmara mu a, ɛnne na emfi bɔhyɛ mu bio; na Abraham de, bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.
[19] Na afei, mmara no ne dɛn? Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa ho de kosii sɛ asenni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba; na wɔnam abɔfo so na ɛhyehyɛe wɔ ntamgyinafo bi nsam.
[20] Na ntamgyinafo de, ɔnyɛ obiako dea; na Onyankopɔn de, ɔyɛ obiako.
[21] Ɛnne na mmara tia Onyankopɔn bɔhyɛ anaa? Dabida. Sɛ wɔmaa mmara bi a ebetumi ama nkwa de a, anka trenee fi mmara mu ampa.
[22] Nanso kyerɛw no aka nneɛma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afi Yesu Kristo ho gyidi mu ama wɔn a wogye di.
[23] Na gyidi nnya mmae no, wɔde yɛn siee mmara ase wɛn yɛn maa gyidi a wɔrebeyi akyerɛ no.
[24] Enti, na mmara no ayɛ yɛn hwɛfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo nkyɛn kwan, na ama wɔafi gyidi mu abu yɛn bem.
[25] Afei gyidi aba yi, yenhyɛ ɔhwɛfo no ase bio.
[26] Na mmom, mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu,
[27] efisɛ, mo mu dodow a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo.
[28] Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.
[29] Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnne na moyɛ Abraham asefo, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifo.