[1] Paulo a emfi nnipa, nso ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no so na ɔyɛ ɔsomafo
[2] ne anuanom a wɔka me ho nyinaa de kɔma Galatia asafo horow:
[3] Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
[4] Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te.
[5] Ɔno na anuonyam nka no mmeresanten mfesanten. Amen.
[6] Ɛyɛ me nwonwa sɛ moatwe mo ho ntɛm sɛɛ afi nea wafrɛ mo Kristo adom mu no ho kɔ asɛmpa foforo
[7] a nso ɛnyɛ asɛmpa foforo biara, na mmom nnipa bi wɔ hɔ a wɔhaw mo na wɔpɛ sɛ wɔsesa Kristo asɛmpa no.
[8] Na sɛ mpo yɛn anaa abɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo, ka nea moagye no ho a, onnue!
[9] Sɛnea yɛkae kan no, saa ara na afei mereka bio, sɛ obi ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho a, onnue!
[10] Na afei anim pa na merehwehwɛ afi nnipa hɔ anaasɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ merehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnne na menyɛ Kristo akoa.
[11] Na, anuanom, merema moahu sɛ, asɛmpa a mekae no nte sɛ nnipa ade;
[12] efisɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na migyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.
[13] Na moate abrabɔ a kan no na mebɔ no wɔ Yudafo som mu, sɛnea metaataa Onyankopɔn asafo maa no boroo so, na mesɛee wɔn,
[14] na menyaa nkɔso Yudafo som mu mesen m’atipɛnfo pii m’abusua mu, na mebɔɔ m’agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree ma ɛtraa so.
[15] Na ɛsɔɔ nea oyii me fii me na yam, na ɔnam n'adom so afrɛ me no ani
[16] sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara me ne honam ne mogya antu agyina,
[17] nanso mankɔ Yerusalem wɔn a wodii m'anim yɛɛ asomafo no nkyɛn, na mmom mekɔɔ Arabia, na mesan mebaa Damasko bio.
[18] Ɛnna mfirihyia abiɛsa akyi no, mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔhwɛ Kefa anim, na midii ne nkyɛn nna dunum;
[19] na asomafo a ɛkeka ho no de, manhu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.
[20] Na nea merekyerɛw mo yi, hwɛ, Onyankopɔn anim, merenni atoro.
[21] Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia fam.
[22] Na Yudea asafo a wɔwɔ Kristo mu no nnim m’anim;
[23] na ɔte nko na na wɔate sɛ, nea anka kan ɔtaa yɛn no, afei de, ɔka gyidi a kan ɔsɛee no no ho asɛmpa.
[24] Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.