[1] Ɛnna ɛno akyi mfe dunan, me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho.
[2] Na menam adiyi so na mekɔe, na mede asɛmpa a meka amanaman mu no metoo wɔn anim, (ɛne wɔn a wɔwɔ din no nso anim kokoam), na ammirika a metu anaasɛ mitui no anyɛ ɔkwa.
[3] Na Tito a ɔka me ho a ɔyɛ Helani no mpo, wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia.
[4] Na ɛyɛ anuanom atorofo a wofi baabi bae no ntia; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedi a yɛwɔ Kristo Yesu mu no ho kwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu.
[5] Wɔn de, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwerew biako mpo, na asɛmpa no nokware no akɔ so atena mo mu.
[6] Na wɔn a wobu sɛ wɔwɔ din no, (nea wɔte biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me de, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho,
[7] na mmom wohui sɛ wɔde momonotofo mu asɛmpaka ahyɛ me nsa, sɛnea wɔde twetiafo mu de ama Petro no;
[8] (na nea ɔnam Petro so dii dwuma twetiatwafo mu somafosom mu no nam me nso so yɛ ade amanaman mufo mu).
[9] Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu,
[10] gye ahiafo nko na wɔsrɛe sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.
[11] Na Kefa baa Antiokia no, migyinaa n’anim kasa tiaa no efisɛ na wadi mfomso bi.
[12] Ɛne sɛ nnipa bi a wofi Yakobo nkyɛn no nnya mmae no, na ɔne amanaman mufo didi; na wɔbae no, ɔtwee ne ho tew ne ho fii wɔn ho, efisɛ na osuro wɔn a wofi twetiatwafo mu no.
[13] Na Yudafo a aka no ne no diinkɔnkɔnsa bi maa wɔn nkɔnkɔnsa no twee Barnaba nso kɔe bi.
[14] Na mihui sɛ wɔnnantew tee sɛnea asɛmpa no nokware te no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani bɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufo sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafo?
[15] Yɛn de, yefi yɛn awosu mu yɛ Yudafo, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfo.
[16] Na yenim sɛ womfi mmara nnwuma mu na ebu onipa bem, gye sɛ ɛnam Kristo Yesu gyidi so nti, yɛn nso yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafi Kristo gyidi mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem.
[17] Na yɛn a yɛrehwehwɛ sɛ wobu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wohu yɛn ankasa nso sɛ nnebɔneyɛfo a, ɛnne na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabida.
[18] Na sɛ meto nea madwiriw magu no bio a, na meyɛ me ho sɛ mmaratoni.
[19] Na me de, menam mmara so mewu memaa mmara, na matena ase mama Onyankopɔn. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnuam;
[20] na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.
[21] Mempo Onyankopɔn adom no; efisɛ sɛ trenee nam mmara so na ɛba a, ɛnne na Kristo awu kwa.