Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:12

[1] Adehyedi mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti munnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔndua ntoatoa mo bio!

[2] Hwɛ, me Paulo, mise mo sɛ wotwa mo twetia a, Kristo ho remma mfaso biara mma mo.

[3] Na midi adanse bio mekyerɛ onipa biara a wotwa no twetia sɛ, etwa no sɛ odi mmara no nyinaa so.

[4] Mo a mopɛ sɛ wobu mo bem mmara mu no, moatetew mo ho afi Kristo ho, moafi adom mu ahwe ase.

[5] Na yɛn de, yɛnam honhom so, fi gyidi mu twɛn trenee anidaso.

[6] Efisɛ Kristo Yesu mu de, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.

[7] Na moretu mmirika no yiye; hena na osiw mo kwan sɛ munntie nokware no?

[8] Saa adwensakra yi mfi nea ɔfrɛ mo no.

[9] Mmɔkaw ketewa bi na ɛkaw mmɔre no nyinaa.

[10] Me de, m’ani da mo so Awurade mu sɛ morennwen biribi foforo biara sɛ me de no; na nea ɔhaw mo no, ɔte dɛn ara a, obenya atemmu.

[11] Na me de, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnne na anka asɛnnua no hintidua no nni hɔ bio.

[12] Me nko a, anka wɔn a wɔma monya adwenem sakasaka no, adi wɔn ho awu!

[13] Anuanom, adehyedi mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedi no nnyɛ ɔkwan mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho!

[14] Na mmara no nyinaa wie pɛ asɛm biako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

[15] Na sɛ mokeka, na momemmene mo ho a, monhwɛ yiye, na moanni mo ho awu.

[16] Na mise: Monnantew honhom mu, na munnni ɔhonam akɔnnɔ akyi.

[17] Na ɔhonam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia ɔhonam, na nneɛma abien yi nhyia, na esiw mo nea mopɛ sɛ moyɛ ho kwan.

[18] Na sɛ honhom de mo nam a, na munni mmara ase.

[19] Na ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi,

[20] abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaepaemu,

[21] nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa; eyinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛnea mebɔɔ mo kɔkɔ kan no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni no.

[22] Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi,

[23] odwo, anidahɔ. Mmara bi nni hɔ a etia eyinom.

[24] Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de abɔ ɔhonam ne ne nhyɛsode ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.

[25] Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnantew honhom mu nso.

[26] Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Galatifo — Chapters