[1] Na mise: Ɔdedifo no yɛ akokoaa yi, ɔyɛ nneɛma nyinaa wura de, nanso nsonoe biara nna ɔne akoa ntam,
[2] na mmom ɔwɔ ahwɛfo ne afiesohwɛfo ase de kosi da a agya no ahyɛ asie.
[3] Sɛ yɛte ara ne no. Yɛyɛ nkokoaa no, wɔde yɛn yɛɛ nkoa hyɛɛ wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ase;
[4] na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase,
[5] sɛ ommegye wɔn a wɔwɔ mmara ase no, na wɔagye yɛn ayɛ mma.
[6] Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo komam a ɔteɛm sɛ: Abba, agya!
[7] Enti wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, wonam Onyankopɔn so yɛ ɔdedifo nso bi.
[8] Nanso bere a munnim Nyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa.
[9] Na afei a moahu Nyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na mosan mo akyi bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛw, na edi hia no ho, na mopɛ sɛ mufi ase foforo som bio?
[10] Mubu nna ne asram ne mmere ne mfe.
[11] Misuro wɔ mo ho sɛ ebia mahaw me ho mama mo kwa.
[12] Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me, efisɛ me nso mayɛ sɛ mo. Moanyɛ me bɔne biara;
[13] nso munim sɛ ɔhonam mmerɛwyɛ so na mekaa asɛmpa no mekyerɛɛ mo kan no,
[14] na nea ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyi, na mmom mugyee me sɛ Onyankopɔn bɔfo, Yiw, sɛ Kristo Yesu ankasa ara.
[15] Na afei mo ahosɛpɛw no wɔ he? Efisɛ midi mo adanse sɛ, sɛ ebetumi a, anka mututuu mo ani maa me.
[16] Na sɛ meka nokware mekyerɛ mo nti, madan mo tamfo anaa?
[17] Ayɛ sɛnea ebinom pɛ mo yiyedi ara ma, nanso wɔpɛ sɛ wosiw mo kwan, na moapere ahwehwɛ wɔn mmom.
[18] Nanso eye sɛ anka wɔbɔ mo yiyedi ho mmɔden daa na ɛnyɛ bere a me ne mo wɔ hɔ nko.
[19] Ao, me mma nkumaa a mereko mo awo bio kosi sɛ wobewie Kristo suyɛ wɔ mo mu,
[20] anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seisei, na mesakra me nne, efisɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.
[21] Mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara ase, monka nkyerɛ me: Monte nea mmara no se anaa?
[22] Na wɔakyerɛw sɛ na Abraham wɔ mmabanin baanu, obiako yɛ afenaa ba, na obiako yɛ ɔdehye ba.
[23] Na nea ɔyɛ afenaa ba no, wɔwoo no ɔhonam kwan so, na ɔdehye ba no de, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no.
[24] Saa ade yi yɛ mfatoho, efisɛ wɔn baanu yi yɛ apam abien; obiako fi Sinai bepɔw so a ɔrewo gu nkoayɛ mu, ɛne Hagar.
[25] Na Hagar yɛ Sinai bepɔw a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ yi Yerusalem sɛso, efisɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu.
[26] Na ɔsoro Yerusalem no de, ɛde ne ho, ɛne yɛn na.
[27] Efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo obonin a wonwo, ma w’ani nnye; wo a wonko awo, di ahurusi teɛm! Efisɛ nea onni bi no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu no de.
[28] Na yɛn de, anuanom, sɛnea Isak te no, yɛyɛ bɔhyɛ mma.
[29] Na sɛnea saa bere no nea wɔwoo no ɔhonam kwan so no taa nea wɔwoo no honhom kwan so no, saa ara na ɛte nnɛ ara ne no.
[30] Nanso kyerɛw no se dɛn? Pam afenaa no ne ne ba; efisɛ afenaa ba no ne ɔdehye ba no renni ade.
[31] Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma na mmom yɛyɛ ɔdehye mma.