[1] Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.
[2] Mummue mo koma mu mma yɛn; yɛnyɛɛ obiara bɔne,, yɛnsɛee obiara, yensisii obiara.
[3] Menka eyi afobu kwan so; efisɛ maka dedaw sɛ, sɛ yewu oo, yɛte ase oo, mohyɛ yɛn koma mu.
[4] Mewɔ akokoduru kɛse wɔ mo ho, mewɔ mo ho ahohoahoa pii; awerɛkyekye ahyɛ me ma, na m’anigye aboro so pii yɛn ahohia nyinaa mu.
[5] Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ɔhome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma;
[6] nanso Onyankopɔn a ɔkyekye ahobrɛasefo werɛ no de Tito ba a ɔbae no kyekyee yɛn werɛ.
[7] Na ɛnyɛ ne ba no nko ara, na mmom awerɛkyekye nso a onyae mo ho bere a ɔkaa yɛn mo anigyina wɔ yɛn ho, mo awerɛhowdi, me ho mmɔden a mobɔ a ɛmaa m’ani gyei pii kyerɛɛ yɛn no.
[8] Na sɛ mede me nhoma no mehow mo werɛ mpo a, (minnu me ho); na sɛ minuu me ho nso a, na mihu sɛ nhoma no, sɛ ɛyɛ dɔnhwerew pɛ po a, ɛhow mo werɛ.
[9] Afei m’ani agye, ɛnyɛ sɛ mo werɛ howee nti, na mmom mo werɛ how kɔɔ adwensakra mu; efisɛ mo werɛ howee Onyankopɔn kwan so, na yɛn nti moanhwere biribi wɔ biribiara mu.
[10] Na Onyankopɔn kwan so awerɛhow yɛ adwensakra a ɛde kɔ nkwagye mu a wonnu wɔn ho wɔ ho; na wiase awerɛhow de, ɛma owu.
[11] Na mo werɛ a ɛhowee Onyankopɔn kwan so no ara, monhwɛ nsiyɛ ko a ɛma moyɛe, ɛne mo anoyi ne ahi ne ehu ne anigyina, ne mmɔdemmɔ ne aweretɔ. Na biribiara mu no, muyii mo ho kyerɛe sɛ mo ho tew, asɛm no mu.
[12] Enti sɛ mekyerɛw mo a, na ɛnyɛ nea ɔyɛɛ bɔne no nti, nso ɛnyɛ nea wɔyɛɛ no bɔne no nti, na mmom sɛnea nsiyɛ a mowɔ no yɛn ho no bɛda adi mo Nyankopɔn anim.
[13] Eyi nti yɛn werɛ akyekye. Na yɛn awerɛkyekye yi mu yɛn ani gye boroo so, ɛnam Tito anigye no nti, efisɛ mo nyinaa maa ne honhom nyaa ahotɔ.
[14] Na sɛ mede mo mehoahoaa me ho mekyerɛɛ no a, m’ani anwu, na mmom sɛnea yɛkaa mo nsɛm nyinaa nokwarem no, saa ara nso na yɛn ahoahoa a yɛhoahoaa yɛn ho Tito anim no ayɛ nokware.
[15] Na ne koma wɔ mo ho pii boro so, na ɔkae mo nyinaa setie, ne sɛnea mode suro ne ahopopo gyee no no.
[16] M’ani agye sɛ biribiara mu mewɔ mo mu awerɛhyɛm.