Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:41

[1] Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw,

[2] na mmom yɛapo aniwude a ehintaw no, na yɛnnantew anifere mu, nso yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu, na mmom yɛda nokware no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Onyankopɔn anim.

[3] Na sɛ yɛn asɛmpa so kata a, ɛso kata wɔn a wɔreyera no mu;

[4] wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.

[5] Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa.

[6] Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.

[7] Na yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte annwene mu, sɛnea wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.

[8] Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntewee yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ.

[9] Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ.

[10] Daa yɛso Awurade Yesu wu no wɔ yɛn nipadua mu nam, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn nipadua mu.

[11] Efisɛ yɛn a yɛte ase yi, daa Yesu nti woyi yɛn ma owu, na Yesu nkwa nso ada adi yɛn honam a ebewu no mu.

[12] Enti owu di dwuma wɔ yɛn mu, na nkwa di dwuma wɔ mo mu.

[13] Na sɛ yɛwɔ gyidi honhom koro no ara nti, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Migye midii, na mekasae, nti, yɛn nso yegye di na enti yɛkasa nso;

[14] na yenim sɛ, nea onyan Awurade Yesu benyan yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ.

[15] Yiw, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom a adɔɔso no afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn anuonyam.

[16] Eyi nti na yɛmpa abaw, na sɛ yɛn honam ani nipa resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dan foforo daa daa.

[17] Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn

[18] na yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ na atwam, na nneɛma a wonhu no na ɛtena hɔ daa.

Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo — Chapters