[1] Ahohoahoa ho hia; ɛwom sɛ enye mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehu ne adiyi ho asɛm.
[2] Minim onipa bi Kristo mu a, mfe dunan ni, wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa, (sɛ ɔwɔ ɔhonam mu oo, minnim, onni ɔhonam mu oo, minnim, Onyankopɔn na onim saa nipa no.
[3] Na minim saa onipa no sɛ,) wɔhwim no kɔɔ Paradise, (sɛ ɔwɔ ɔhonam mu oo, onni honam mu oo, minnim, Onyankopɔn na onim,)
[4] na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka.
[5] Saa onipa no fam na mɛhoahoa me ho, na m’ankasa me fam de, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛwyɛ mu.
[6] Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho po a, anka merenyɛ ɔkwasea, na mɛka nokware; nanso mema ɛka, na obi ammu me ankyɛn nea ohu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte fi m’anom.
[7] Na nea ɛbɛyɛ na meremfa adiyi no ntraso memma me ho so bebrebe nti, wɔama me ɔhonam mu nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.
[8] Eyi nti mesrɛɛ Awurade mpɛn abiɛsa sɛ emfi me so;
[9] na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M'adom no dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu. Enti mede anigye pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so.
[10] Kristo nti m’ani gye mmerɛwyɛ mu, animtiaabu mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometew mu; efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.
[11] Mayɛ ɔkwasea! Mo na moahyɛ me. Na me de, anka ɛsɛ sɛ muyi me ayɛ; efisɛ asomafo akɛse no nkyɛn me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo.
[12] Ɔsomafo nsɛnkyerɛnne no de, wɔayɛ no mo mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne tumide mu.
[13] Na ɛdɛn mu na motɔɔ sin a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo de, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me!
[14] Hwɛ, mprɛnsa ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, na meremmɛyɛ mo so adesoa; efisɛ menhwehwɛ mo biribiara, na mmom mo ankasa. Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade sie ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade sie ma mma.
[15] Na me de, mede anigye pii mɛhwere m’ade ne me ho mama mo kra. Na sɛ medɔ mo meboro so saa a, ɛfata sɛ mo dɔ sua sen me de?
[16] Na ɛwom sɛ manyɛ mo so adesoa de, nanso meyɛ onitefo nti, mayi mo anitew mu.
[17] Menam wɔn a mesomaa wɔn mo nkyɛn no bi so mibesisii mo anaa?
[18] Mesrɛɛ Tito na mesomaa no ne onua kaa ne ho no, Tito besisii mo anaa? Ɛnyɛ honhom koro no ara mu na yɛnantewee, anaasɛ anammɔn koro no ara mu?
[19] Ɛyɛ mo sɛ yereyi yɛn ano akyerɛ mo anaa? Onyankopɔn anim na yɛkasa Kristo mu; adɔfo, eyi nyinaa yɛka ma mo nkɔso.
[20] Na misuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛnea mepɛ, na me nso morenhu me sɛnea mopɛ, ebia ntɔkwako, ahoɔyaw, abufuw, asikan, nsekudi, wesewese, ɔhantan, sakasakayɛ wɔ mo mu;
[21] sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodow a wɔayɛ bɔne na wɔnsakraa wɔn adwene, wɔn fi ne aguamammɔ ne ahohwisɛm a wodii no ho.