[1] Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn adom no kwa.
[2] Na ɔka sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne adom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.
[3] Na yɛnto obiara hintidua na wɔannya mfomso biara wɔ yɛn som ho,
[4] na mmom nneɛma nyinaa mu, yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo: Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometew mu;
[5] ɔhwe mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, apɛsi mu, mmuada mu;
[6] ahotew mu, nimdeɛ mu, abodwokyɛre mu, ayamye mu, Honhom Kronkron mu, ɔdɔ a nkontompo nni mu mu;
[7] nokware asɛnka mu, Onyankopɔn tumi mu, trenee akode mu wɔ nifa ne benkum;
[8] anuonyam ne animguase mu, atenka bɔne ne atenka pa mu; sɛ asisifo nanso wɔyɛ anokwafo,
[9] sɛ wɔn a wonnim wɔn, nanso wonim wɔn yiye, sɛ wɔn a wɔrewu, na hwɛ, yɛte ase; sɛ wɔn a wɔtwe wɔn aso, nanso wonkum wɔn;
[10] sɛ awerɛhowfo, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafo, nanso wɔma nnipa pii nya wɔn ho; sɛ wɔn a wonni hwee, nanso wɔwɔ nneɛma nyinaa.
[11] O Korintofo, yɛaka no pefee akyerɛ mo, yɛn komam atrɛw.
[12] Ɛnyɛ yɛn mu na monsen, na mo ankasa mo yam na monsen.
[13] Na mo nso — meka eyi mekyerɛ mo sɛ mma — montrɛw mo mu saa ara mfa ntua ka.
[14] Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?
[15] Na biakoyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ?
[16] Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman.
[17] Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho mfi wɔn mu, Awurade na ose, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo,
[18] na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmabea, Awurade Tumfo na ose.