[1] Na meyɛɛ m'adwene sɛ meremfa awerɛhow memma mo nkyɛn bio.
[2] Na sɛ mehow mo werɛ a, na hena na ɔma me bo tɔ me yam sɛ nea mehow ne werɛ no ara?
[3] Na mekyerɛw ade koro yi ara, na sɛ minya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anhow me werɛ; efisɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛm sɛ m’anigye yɛ mo nyinaa de.
[4] Na mifi komam ahohia ne ahometew pii mu mede nusu bebree mekyerɛw mo, ɛnyɛ sɛnea mo werɛ bɛhow, na mmom sɛnea mubehu ɔdɔ kɛse a mewɔ ma mo.
[5] Na sɛ obi ayi awerɛhow a, ɛnyɛ me na wayi me awerɛhow, na ɔkwan bi so no — meka eyi na me kasa mu anyɛ den dodo — anyi mo nyinaa awerɛhow.
[6] Ka a mo mu pii aka saa onipa no anim no dɔɔso ma no,
[7] enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekye ne werɛ, na awerɛhow bebrebe no ammene no.
[8] Enti mitu mo fo sɛ munyi ɔdɔ adi nkyerɛ no.
[9] Na eyi nti nso na mekyerɛwee, sɛ mehu sɛ wɔasɔ mo ahwɛ ahu sɛ mo aso yɛ mmerɛw ade nyinaa mu anaa?
[10] Na nea mode biribi kyɛ no no, me nso mede akyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, nea mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ, Kristo anim,
[11] na Satan anni yɛn amim; efisɛ yenim n’akwan.
[12] Nanso mebaa Troa mebɛkaa Kristo asɛmpa, na wobuee ɔpon maa me Awurade mu no,
[13] mannya honhom mu ahomeka, efisɛ manhu me nua Tito, enti mekraa wɔn mifii hɔ mekɔɔ Makedonia.
[14] Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yedi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ hua adi mmaa nyinaa;
[15] efisɛ yɛyɛ Kristo aduhuam ma Onyankopɔn, wɔn a woregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera nyinaa.
[16] Yɛyɛ owu hua de kɔ owu mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hua de kɔ nkwa mu ma ebinom. Na hena na ɔfata eyinom?
[17] Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Onyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.