[1] Na yenim sɛ, sɛ wonya buruw yɛn asase so ntamadan yi a, yebenya ofi a efi Nyankopɔn, ɔdan a wɔamfa nsa ansi a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro.
[2] Efisɛ eyi mu de, yesi apini, na yɛn ani gyina sɛ yɛbɛhyɛ yɛn fi a efi soro no afoa so,
[3] ɛno na sɛ yɛhyɛ a, wɔrenhu yɛn adagyaw mu.
[4] Na yɛn a yɛte ntamadan yi mu yi si apini, na ɛhyɛ yɛn so, efisɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɛda adagyaw, na mmom yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ foa so, na nkwa amene nea ewu no.
[5] Na nea wasiesie yɛn ama saa ade yi ne Nyankopɔn a ɔno ara de Honhom no guaha nso ama yɛn no.
[6] Enti yɛhyɛ yɛn ho den daa, na yenim sɛ yɛte fie wɔ nipadua yi, yɛnte fie wɔ Awurade nkyɛn;
[7] efisɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ anihunu so.
[8] Na yɛyɛ nnam, na ɛyɛ yɛn fɛ mmom sɛ yebefi nipadua mu fie ha akɔtena ofie Awurade nkyɛn.
[9] Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ nipadua mu fie oo, yefi ha oo, yɛbɛsɔ n’ani.
[10] Na etwa yɛn nyinaa sɛ yekopue Kristo atemmu agua anim hɔ, na obiara anya nea ɔnam nipadua so yɛe no, papa oo, bɔne oo, sɛnea ɔyɛe no.
[11] Na sɛ yenim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wonhu no saa, na Onyankopɔn de, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ yɛada adi mo ahonim mu nso.
[12] Na yɛnsan nyi yɛn ho ayɛ nkyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo nea monam so bɛhoahoa mo ho yɛn fam, na moanya nea mode bebua wɔn a wɔhoahoa wɔn ho nnipa anim, na ɛnyɛ komam.
[13] Na sɛ yɛbɔ dam a, yɛbɔ ma Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwenem da hɔ a, ɛda ma mo.
[14] Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.
[15] Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owui na wonyan no maa wɔn no.
[16] Enti afei nnɛ yi, yennim obiara ɔhonam fam; na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio.
[17] Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo.
[18] Na eyinom nyinaa fi Nyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadi ama yɛn no;
[19] ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu repata atwe wiase afam ne ho, na wammu wɔn mfomso angu wɔn so, na ɔde mpata asɛm no ahyɛ yɛn nsa.
[20] Enti yɛyɛ abɔfo ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu fo; yegyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Onyankopɔn nka mmom.
[21] Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.