Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:36

[1] Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirafo,

[2] Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirafoɔ yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne nti na ama nʼani afira yi?”

[3] Yesu buaa sɛ, “Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Onyankopɔn tumi bɛyɔ ne ho adwuma.

[4] Ɛsiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no nti, ɛsɛ sɛ yɛyɔ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no ntɛmntɛm. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɔ adwuma.

[5] Berɛ a mewɔ wiase yi deɛ, mene wiase hann no.”

[6] Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo guu fam de fotɔɔ dɔteɛ na ɔde dɔteɛ no sraa onifirafoɔ no ani so.

[7] Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ ɔtadeɛ Siloa, a ne nkyerɛase ne ‘Deɛ Wɔasoma No’, no mu kɔhohoro wʼanim.” Onifirafoɔ yi kɔeɛ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ɔhunuu adeɛ.

[8] Onifirafoɔ no afipamfoɔ a wɔhunuu no sɛ ɔte kwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?”

[9] Ebinom kaa sɛ, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforɔ nso kaa sɛ, “Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, sɛ na ɔsɛ no.” Aberanteɛ yi kaa sɛ, “Ɛyɛ me.”

[10] Nnipa no bisaa no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wohunu adeɛ yi?”

[11] Ɔbuaa wɔn sɛ, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieiɛ pɛ na mehunuu adeɛ.”

[12] Wɔsane bisaa no bio sɛ, “Saa Yesu no wɔ he?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mennim.”

[13] Wɔde aberanteɛ a na nʼani afira no brɛɛ Farisifoɔ no.

[14] Da a Yesu saa onifirafoɔ no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda.

[15] Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɔeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafotɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ohunuu adeɛ no.

[16] Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ, “Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn hɔ, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda mmara no so.” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛyie bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?” Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.

[17] Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no sɛ, “Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberanteɛ yi buaa sɛ, “Megye di sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopon nkyɛn.”

[18] Yudafoɔ no annye anni ara da sɛ, na saa aberanteɛ no yɛ onifirafoɔ a afei deɛ ɔhunu adeɛ, kɔsi sɛ wɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ nʼawofoɔ baeɛ

[19] maa wɔbisaa wɔn sɛ, “Mo ba ni anaa? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifirafoɔ anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ohunu adeɛ yi?”

[20] Nʼawofoɔ no buaa sɛ, “Yɛgye tom sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifirafoɔ.

[21] Nanso yɛnnim deɛ enti a afei deɛ ohunu adeɛ yi. Saa ara nso na yɛnnim onipa ko a ɔma ohunuu adeɛ no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no.”

[22] Deɛ ɛmaa nʼawofoɔ no kaa saa ne sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanimfoɔ no a wɔaka sɛ, obiara a ɔbɛka sɛ Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afiri asɔredan no mu hɔ no.

[23] Yei nti na nʼawofoɔ no kaa sɛ, “Nʼani afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no” no.

[24] Wɔsane frɛɛ aberanteɛ a na ɔyɛ onifirafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, asɛm a yɛrebɛbisa wo yi wobɛdi nokorɛ. Yɛnim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”

[25] Aberanteɛ no buaa wɔn sɛ, “Me deɛ, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno deɛ, mennim. Deɛ menim ara ne sɛ, kane no na meyɛ onifirafoɔ na afei deɛ mehunu adeɛ.”

[26] Wɔbisaa no bio sɛ, “Ɛdeɛn na ɔyɛɛ wo ma wohunuu adeɛ?”

[27] Aberanteɛ no de abufuo buaa wɔn sɛ, “Maka nokorɛ no akyerɛ mo, nanso moantie. Ɛdeɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafoɔ?”

[28] Mpanimfoɔ no yeyaa no sane kaa sɛ, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ.

[29] Yɛnim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose, nanso saa Yesu yi deɛ, faako a ɔfiri mpo, yɛnnim!”

[30] Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa yie sɛ obi a ɔtumi ma onifirafoɔ hunu adeɛ no, motumi ka sɛ monnim faako a ɔfiri.

[31] Yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfoɔ asɛm; na mmom ɔtie nnipa a wɔdi no ni na wɔyɛ nʼapɛdeɛ no.

[32] Ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ yɛntee da sɛ obi ama onifirafoɔ ahunu adeɛ da;

[33] sɛ ɔbarima yi mfiri Onyankopɔn hɔ a, anka ɔrentumi nyɛ anwanwadeɛ a ɛte sei.”

[34] Mpanimfoɔ no nso de abufuo buaa no sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wɔsunsum no firii asɔredan no mu hɔ.

[35] Berɛ a Yesu tee sɛ wɔsunsum aberanteɛ no firii asɔredan no mu hɔ no no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no sɛ, “Wogye Onipa Ba no di anaa?”

[36] Aberanteɛ no buaa no sɛ, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛdeɛ ɛbɛyɔ a mɛgye no adi!”

[37] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahu no dada; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”

[38] Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade, megye medi.” Afei, ɔkotoo Yesu.

[39] Yesu kaa sɛ, “Mebaa wiase ha sɛ merebɛbu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ honhom mu anifirafoɔ no ahunu adeɛ, na makyerɛ wɔn a wɔgye di sɛ wɔhunu adeɛ no sɛ, wɔyɛ anifirafoɔ.”

[40] Farisifoɔ a na wɔgyinagyina hɔ no bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifirafoɔ anaa?”

[41] Yesu buaa wɔn sɛ. “Sɛ mogye tom sɛ moyɛ anifirafoɔ a, ɛnneɛ anka monni deɛ maka no ho fɔ. Ɛsiane sɛ mogye tom sɛ deɛ moreyɛ no monim nti, mo afɔbuo no bɛtena hɔ.”

Yohane Asɛmpa No — Chapters