Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:42

[1] Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafoɔ mpanin no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsane yɛ Farisini no,

[2] kɔɔ Yesu nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, ɛfiri sɛ, obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”

[3] Yesu buaa no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ, sɛ wɔanwo wo foforɔ a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”

[4] Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi, bɛtumi akɔ me maame yam ama wɔawo me bio?”

[5] Yesu nso buaa no sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ wo, sɛ wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.

[6] Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom.

[7] Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ maka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforɔ!

[8] Sɛdeɛ wote mframa nka, nanso wontumi nkyerɛ faako a ɛfiri ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awoɔ no nso te.”

[9] Nikodemo bisaa no sɛ, “Yei ase ne sɛn? Mente aseɛ.”

[10] Yesu buaa no sɛ, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wodi mu Israel na wonte yei ase?

[11] Deɛ yɛnim ne deɛ yɛahunu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso monnye yɛn nni.

[12] Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mobɛgye adi?

[13] Obiara nkɔɔ soro da gye me Onipa Ba no a mefiri soro baeɛ no.

[14] “Sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɔ asɛn dua so wɔ serɛ so no, saa ara na me nso wɔbɛma me so,

[15] na obiara a ɔgye me di no, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.

[16] Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no nyera na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.

[17] Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom, ɔsomaa no sɛ, ɔmmɛgye wiase nkwa.

[18] “Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ, wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni.

[19] Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri sɛ, wɔn nneyɔeɛ nyinaa yɛ bɔne.

[20] Ɔdebɔneyɛfoɔ biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, ɛfiri sɛ, ɔsuro sɛ ne nneyɔeɛ bɔne no bɛda adi.

[21] Na deɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ no ba Hann no mu na obiara ahunu sɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ.”

[22] Yei akyi, Yesu ne nʼasuafoɔ no firii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ.

[23] Saa berɛ no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ, na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn maa ɔbɔɔ wɔn asu.

[24] Saa berɛ no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase.

[25] Da bi, Yohane akyidifoɔ bi ne Yudani bi gyee akyinnyeɛ faa ahodwera ho.

[26] Enti, asuafoɔ no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa dohoa no a wodii ne ho adanseɛ no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”

[27] Yohane buaa sɛ, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho.

[28] Mo ara modi me adanseɛ sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no, na mmom, wɔasoma me adi nʼanim kane.’

[29] Adamfo a ɔboa ayeforɔkunu no wɛn nʼaso twɛn no, na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno nti na mʼanigyeɛ wie pɛyɛ no.

[30] Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛseɛ na me nso meyɛ ɔketewa.

[31] Dea ɔfiri soro aba no yɛ ɔkɛseɛ sene obiara; Deɛ ɔfiri asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni.

[32] Ɔsoroni no ka deɛ wahunu ne deɛ wate nanso, obiara nnye no nni.

[33] Wɔn a wɔgye no di no di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.

[34] Deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma.

[35] Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa.

[36] Deɛ ɔgye Ɔba no di no bɛnya nkwa a ɛnsa da, na deɛ ɔnnye no nni no, rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom, Onyankopɔn asotwe da ne so.”

Yohane Asɛmpa No — Chapters