Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:10

[1] Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu maame kɔɔ saa ayeforɔhyia no bi.

[2] Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nso kɔɔ hɔ bi.

[3] Wɔgu so regye wɔn ani no, ayeforɔ no ase nsa saeɛ maa Yesu maame kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔn nsa a wɔrenom no asa.”

[4] Yesu ka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Seesei deɛ, merentumi nyɛ ho hwee, ɛfiri sɛ, me berɛ nnya nnuruiɛ.”

[5] Ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Biribiara a ɔbɛka sɛ monyɔ no, monyɔ.”

[6] Saa berɛ no na nsuhina nsia sisi hɔ; yeinom mu na na Yudafoɔ de nsuo gu de dwera wɔn ho afahyɛ ase. Na suhina biara tumi fa nsuo galɔn aduasa.

[7] Yesu ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Monhyehyɛ nhina no ma ma.” Wɔde nsuo hyɛɛ no ma ma.

[8] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsa bi nkɔma onipa a ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no.”

[9] Deɛ ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no kaa nsuo no a adane nsa a ɔnnim baabi a ɛfiri a asomfoɔ no deɛ, na wɔnim no hwɛeɛ no, ɔfrɛɛ ayeforɔkunu no,

[10] ka kyerɛɛ no sɛ, “Saa nsa yi yɛ nsa pa. Wonte sɛ afoforɔ a wɔaka no. Obiara a ɔto pono de nsa pa di kan ba wɔ nʼapontoɔ ase na akyire yi, ɔde nsa a ɛnni mu aba. Nanso, wo deɛ, wode nsa pa no atwa toɔ!”

[11] Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛne a ɛdi kan a ɔyɛɛ wɔ badwam de kyerɛɛ sɛ ne tumi firi soro. Ɛmaa nʼasuafoɔ no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

[12] Ayeforɔhyia no akyi, ɔne ne maame ne ne nuanom ne nʼasuafoɔ no dii nna kakra wɔ Kapernaum.

[13] Ɛsiane sɛ na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛduru no nti, Yesu kɔɔ Yerusalem.

[14] Ɔduruu asɔredan no mu hɔ no, ɔhunuu sɛ adwadifoɔ bi nso tete wɔn apono akyi resesa sika.

[15] Yesu faa ntampehoma, yɛɛ no mpire, de pamoo sikasesafoɔ no ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie no firii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apono guiɛ maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee.

[16] Afei, ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsesa wɔn mfiri ha nkɔ ntɛm! Mommfa mʼAgya fie nnyɛ adwadibea!”

[17] Asuafoɔ no kaa sɛ, wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Wo fie yiedie ho dadwene ahyɛ me so.”

[18] Afei, Yudafoɔ mpanin no bisaa Yesu sɛ, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopamoo nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanseɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”

[19] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mate deɛ moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bɛdi adanseɛ ara ne sɛ, mommubu asɔredan yi ngu na mede nnansa bɛsi bio.”

[20] Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisaa no sɛ, “Asɔredan a wɔde mfeɛ aduanan nsia siiɛ no, na wode nnansa bɛtumi asi?”

[21] Nanso, Yesu deɛ, na ɔde ɔno ankasa ne nipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfataho,

[22] Yesu wusɔreɛ no akyi ansa na asuafoɔ no kaee asɛm a ɔkaeɛ no. Yei maa wɔgyee Atwerɛsɛm ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.

[23] Berɛ a Twam Afahyɛ no duruiɛ a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahodoɔ bebree maa nnipa gyee no diiɛ.

[24] Nanso, Yesu amfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛdeɛ nnipa suban te.

[25] Na ɔnhia onipa adanseɛ a ɔbɛdi afa onipa ho, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu.

Yohane Asɛmpa No — Chapters