Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:41

[1] Farisifoɔ no tee sɛ nnipa pii rekɔ Yesu nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sene sɛdeɛ nnipa kɔ Yohane nkyɛn.

[2] Nso na Yesu ankasa deɛ, ɔmmɔ asu, na mmom, nʼasuafoɔ no na wɔbɔ asu.

[3] Yesu tee saa asɛm yi no, ɔfirii Yudea sane kɔɔ Galilea.

[4] Ɔrekɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria.

[5] Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.

[6] Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Ɛsiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa berɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu.

[7] Ankyɛ, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo maa Yesu srɛɛ no sɛ ɔmma no nsuo no bi nnom.

[8] Saa berɛ no, na Yesu asuafoɔ no kɔ kuro no mu kɔtɔ aduane.

[9] Samariani baa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsuo afiri me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɔ.

[10] Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo.”

[11] Ɔbaa no bisaa sɛ, “Owura, wonni homa, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri?

[12] Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?”

[13] Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, osukɔm de no bio,

[14] nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no, bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”

[15] Ɔbaa no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo.”

[16] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”

[17] Ɔbaa no buaa no sɛ, “Me wura, menni kunu.” Yesu nso kaa sɛ, “Asɛm a woaka no yɛ nokorɛ sɛ wonni kunu no.

[18] Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu.”

[19] Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.

[20] Yɛn agyanom Samariafoɔ som Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so, nanso mo Yudafoɔ deɛ, moka sɛ Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn.”

[21] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem.”

[22] Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba.

[23] Nna bi reba, na mpo aba dada sɛ, nnipa nam Onyankopɔn honhom tumi no so bɛsom Agya no nokorɛm. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no pɛ sɛ wɔsom no.

[24] Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Honhom ne nokorɛ som no.

[25] Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesaia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”

[26] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me a mene wo rekasa yi, mene Kristo no.”

[27] Yesu ano siiɛ pɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no.

[28] Afei, ɔbaa yi gyaa nʼasuhina no hɔ sane kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfoɔ sɛ,

[29] “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nnoɔma a mayɔ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?”

[30] Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.

[31] Afei, asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, didi.”

[32] Yesu buaa wɔn sɛ, “Mewɔ aduane a mɛdi nanso monnim.”

[33] Ɛmaa asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obi abrɛ no aduane bi anaa?”

[34] Yesu buaa sɛ, “Deɛ ɛma memee ne sɛ, meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mewie dwuma a ɔde maa me sɛ memmɛdi no.

[35] Moka sɛ, ‘Abosome anan mu, otwaberɛ bɛdu.’ Mommue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na mobɛhunu sɛ aburoo ahoa a ɛkyerɛ sɛ, otwaberɛ adu!

[36] Otwafoɔ nya nʼakatua a ɛsɛ no na ɔboaboa deɛ watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Yei ma deɛ ɔdua ne deɛ ɔtwa no nyinaa ani gye.

[37] Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’

[38] Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ monkɔtwa deɛ ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Nnipa foforɔ na wɔduaeɛ na mo deɛ, moanya mfasoɔ afiri adwuma a wɔyɔ no mu.”

[39] Ɛsiane adanseɛ a Samariani baa no dii wɔ Yesu ho sɛ, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no nti, kuro no mu hɔfoɔ pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no.

[40] Enti, berɛ a Samariafoɔ no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnanu wɔ wɔn nkyɛn.

[41] Nipa bebree gyee no diiɛ esiane deɛ wɔte firii ne nkyɛn nti.

[42] Nnipa a wɔgyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɛnyɛ adanseɛ a wobɛdiiɛ no nti na yɛgye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no nti na yɛagye no adi. Na yɛnim sɛ ɔno ne wiase Agyenkwa no.”

[43] Nnanu akyi no, Yesu firii kuro no mu kɔɔ Galilea.

[44] Ɛwom sɛ na Yesu aka sɛ, “Odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne man mu” deɛ, nanso

[45] ɛsiane deɛ Galileafoɔ a wɔwɔ Yerusalem Twam Afahyɛ berɛ no mu no hunuu deɛ Yesu yɔeɛ no nti, ɔduruu Galilea no, wɔgyee no.

[46] Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsa hɔ no bio. Ɔwɔ hɔ no, ɔhene somfoɔ panin bi a na ne ba yare wɔ Kapermaum no

[47] tee Yesu nka sɛ ɔfiri Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no.

[48] Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?”

[49] Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu.”

[50] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ fie, wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfoɔ panin no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no dii na ɔsiim sɛ ɔrekɔ fie.

[51] Ɔnam kwan so no, nʼasomfoɔ bi bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no ho ayɛ no den.

[52] Ɔbarima no bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, “Berɛ bɛn na ne ho yɛɛ no den?” Asomfoɔ no buaa no sɛ, “Nnora awia bɛyɛ dɔnko berɛ mu na huraeɛnini a na abɔ no no gyaeeɛ.”

[53] Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaee sɛ ɛyɛ saa berɛ korɔ no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkɔ na ne ba no ho ayɛ no den no. Yei maa ɔbarima no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Yesu diiɛ.

[54] Yei ne nsɛnkyerɛnne a ɛtɔ so mmienu a Yesu firii Yudea baa Galilea no ɔyɛeɛ.

Yohane Asɛmpa No — Chapters