Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:41

[1] Yei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ bi nti, Yesu sane kɔɔ Yerusalem.

[2] Na ɔtadeɛ bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kuro no ano pono kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Nnwan Pono no. Na wɔabɔ apata ahodoɔ num atwa ho ahyia.

[3] Saa apata yi ase na na ayarefoɔ pii sɛ, anifirafoɔ, mpakye ne mmubuafoɔ wɔ retwɛn sɛ Awurade bɔfoɔ firi soro bɛba abɛhono nsuo no.

[4] Deɛ ɛte ne sɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no hono nsuo no wie a, ɔyarefoɔ a ɔbɛdi kan atɔ nsuo no mu no nya ayaresa.

[5] Na ɔbarima bi ayare ada ɔtadeɛ no ho mfeɛ aduasa nwɔtwe.

[6] Yesu hunuu sɛ wayare ada hɔ akyɛ no, ɔbisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?”

[7] Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ, “Me wura, sɛ ɔbɔfoɔ no bɛhono nsuo no a, mennya obi a ɔbɛma me so ato mu. Berɛ biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ nsuo no mu no, obi di me kan.”

[8] Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre! Bobɔ wo kɛtɛ na kɔ fie.”

[9] Amonom hɔ ara, ɔbarima no ho yɛɛ no den; ɔbobɔɔ ne kɛtɛ, fitii aseɛ nanteeɛ. Na saa da no yɛ homeda.

[10] Yudafoɔ mpanin hunuu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuu yie. Wɔbisaa no sɛ, “Wonnim sɛ ɛnnɛ yɛ homeda na ɛtia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ anaa?”

[11] Ɔbarima yi de ahopopoɔ yii ne ho ano sɛ, “Onipa a ɔsaa me yadeɛ no na ɔka kyerɛɛ me sɛ, mensoa me kɛtɛ na menkɔ.”

[12] Wɔtee saa no, wɔbisaa no sɛ, “Hwan ne saa onipa yi?”

[13] Nso na deɛ ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei, nso na Yesu afiri nnipa no mu kɔ.

[14] Akyire yi, Yesu hyiaa ɔbarima yi wɔ asɔredan mu tuu no fo sɛ, “Afei wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsene kane yadeɛ no amma wo so.”

[15] Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no.

[16] Yudafoɔ mpanin yi fitii aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri sɛ, wabu wɔn homeda mmara no so.

[17] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɔ adwuma berɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɔ adwuma berɛ biara.”

[18] Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛku no, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.

[19] Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɔ biribi na mmom, ɔyɔ deɛ ɔhu sɛ nʼAgya yɔ no bi.

[20] Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɔ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɔ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo.

[21] Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no.

[22] Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atɛmmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa,

[23] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.

[24] “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ: Obiara a ɔtie me nsɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no di no, wɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔremmu no atɛn, ɛfiri sɛ, wafiri owuo mu aba nkwa mu.

[25] Mereka nokorɛ bio sɛ, berɛ bi reba, na mpo saa berɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa.

[26] Sɛdeɛ Agya no yɛ nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ.

[27] Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri sɛ, ɔno ne Onipa Ba no.

[28] Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ, berɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne,

[29] na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ.

[30] “Merentumi mfiri mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na megyina bu atɛn. Ɛno nti, atɛn a mebu no yɛ nokorɛ.

[31] “Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, mʼadansedie no nni mu.

[32] Na obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ a menim sɛ nʼadanseɛ a ɔdi fa me ho no yɛ nokorɛ.

[33] Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ.

[34] Nnipa adansedie ho nhia me ansa na moahunu onipa ko a meyɛ. Na mmom, meka Yohane adanseɛ a ɔdii no kyerɛ mo sɛ deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn bɛgye mo nkwa.

[35] Yohane nsɛm a ɔkaeɛ a ɛte sɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn no maa mo ani gyeeɛ.

[36] Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɔ no di me ho adanseɛ sene adanseɛ a Yohane di faa me ho no.

[37] Ɛwom sɛ munhunuu Agya no anim da na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ.

[38] Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, ɛfiri sɛ, monnye me a ɔsomaa me no nni.

[39] “Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ!

[40] Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!

[41] “Menhwehwɛ nnipa anim animuonyam.

[42] Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ.

[43] Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no.

[44] Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sene sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?

[45] “Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom, ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so sɛ ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu no.

[46] Sɛ mogyee Mose diiɛ a, anka me nso mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ, nsɛm a ɔtwerɛeɛ no di me ho adanseɛ.

[47] Na ɛsiane sɛ moannye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no anni no nti, ɛnyɛ nwanwa sɛ monnye me nni.”

Yohane Asɛmpa No — Chapters