[1] Ansa na wɔrebɛbɔ wiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dada. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.
[2] Mfitiaseɛ no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.
[3] Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɔ biribiara.
[4] Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann.
[5] Hann no hyerɛn wɔ esum mu a esum no ntumi nni hann no so.
[6] Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane.
[7] Ɔbɛdii hann no ho adanseɛ sɛdeɛ ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi.
[8] Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.
[9] Saa hann yi ne nokorɛ hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.
[10] Saa berɛ no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase deɛ, nanso ɔbaa wiase no wiase anhu no.
[11] Ɔbaa nʼankasa ne man mu, nanso ne manfoɔ annye no anto mu.
[12] Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma,
[13] wɔ honhom fam a ɛmfiri onipa anaa ɔhonam fam, na mmom ɛfiri Onyankopɔn ankasa.
[14] Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenaeɛ ma yɛhunuu nʼanimuonyam sɛ ɔba korɔ a ɔfiri Agya no nkyɛn a adom ne nokorɛ ayɛ no ma.
[15] Yohane kaa ne ho asɛm sɛ, “Oyi ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’
[16] Ɔfiri ne mmɔborɔhunu a ɛtoɔ ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa.
[17] Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yɛnyaa adom ne nokorɛ.
[18] Obiara nhunuu Onyankopɔn da, gye ne Ba korɔ no a ɔte sɛ Onyankopɔn no, ɛfiri sɛ, ɔne Agya no na ɛwɔ hɔ, na wada Agya no ho nsɛm nyinaa adi akyerɛ yɛn.”
[19] Yudafoɔ mpanin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ kɔɔ Yohane nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Wone Agyenkwa no anaa?”
[20] Yohane antwentɛn asɛm no mmuaeɛ so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ sɛ, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.”
[21] Wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan, Elia anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Dabi.” Wɔbisaa no bio sɛ, “Wone Odiyifoɔ no?” Ɔsan buaa wɔn sɛ, “Dabi”.
[22] Wɔsan bisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amanneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”
[23] Yohane buaa wɔn sɛ, “Mene nne a ɛfiri serɛ so a ɛreteam, sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no no.’ ”
[24] Afei, wɔn a Farisifoɔ no somaa wɔn no bisaa Yohane bio sɛ,
[25] “Sɛ ɛnyɛ wone Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifoɔ no a, adɛn nti na wobɔ asu?”
[26] Yohane nso buaa sɛ, “Me deɛ, nsuo na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfinimfini ha a monnim no,
[27] a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔ; ɔno na ɔbɛdi mʼakyi aba.”
[28] Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.
[29] Adeɛ kyeeɛ a Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteaam kaa sɛ, “Oyi ne Onyankopɔn Dwammaa a ɔnam ne so de wiase bɔne nyinaa kyɛ no!
[30] Oyi ne deɛ mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Deɛ ɔdi mʼakyi reba no yɛ kɛse sene me, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrewo me.’
[31] Me deɛ, na menni no, nanso mede nsuo bɛbɔɔ asu, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na mɛda odwammaa no adi akyerɛ Israel.”
[32] Na Yohane dii adanseɛ sɛ, “Mehunuu Honhom no sɛ asiane aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresiane firi soro.
[33] Naanka menni no, nanso na Onyankopɔn a ɔsomaa me sɛ memfa nsuo mmɔ asu no aka akyerɛ me sɛ, ‘Onipa a wobɛhunu sɛ Honhom no bɛsiane abɛsi ne so no, ɔno ne obi a ɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ asu.’
[34] Mahunu yeinom nyinaa sɛ aba mu na medi ho adanseɛ sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”
[35] Adeɛ kyeeɛ a Yohane ne nʼasuafoɔ no mu baanu gyina baabi no, wɔhunuu sɛ Yesu retwam.
[36] Yohane hwɛɛ no, kaa sɛ, “Oyi ne Onyankopɔn Dwammaa no!”
[37] Asuafoɔ baanu no tee deɛ ɔkaeɛ no, wɔkɔdii Yesu akyi.
[38] Yesu twaa nʼani hunu sɛ wɔdi nʼakyi no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no sɛ, “Rabi, a ne nkyerɛase ne Kyerɛkyerɛfoɔ, ɛhe na wote?”
[39] Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mommra mmɛhwɛ.” Enti, wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte no ne no tenaa hɔ firi awia nnɔnan kɔsii anwummerɛ.
[40] Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no nti ɛmaa wɔkɔdii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea.
[41] Adeɛ a ɛdi kan a Andrea yɔeɛ ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Agyenkwa no.”
[42] Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso, ɛfiri nnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne Ɔbotan no.
[43] Adeɛ kyeeɛ no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ɔhunuu Filipo ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.”
[44] Filipo nso na ɔfiri Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso firi.
[45] Filipo firi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Agyenkwa no a Mose ne adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ɔfiri Nasaret no ba.”
[46] Natanael bisaa Filipo sɛ, “Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret da?” Filipo nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na bɛhwɛ.”
[47] Berɛ a Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkaa sɛ, “Israelni nokwafoɔ ni ampa.”
[48] Natanael bisaa Yesu sɛ, “Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ mete?” Yesu nso buaa no sɛ, “Berɛ a wowɔ brɔdɔma dua no ase hɔ no na mehunu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”
[49] Natanael kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!”
[50] Yesu bisaa no sɛ, “Ɛsiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo wɔ brɔdɔma dua no ase nti na wogye di anaa? Wobɛhunu anwanwadeɛ a ɛsene yei.
[51] Mereka nokorɛ akyerɛ wo sɛ, wobɛhunu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane ba Onipa Ba no nkyɛn.”