Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:32

[1] Mmerɛ a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan hodoɔ bebree so fa adiyifoɔ so kasa kyerɛ yɛn mpanimfoɔ.

[2] Mmom, mmerɛ a ɛdi akyire yi deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nnoɔma nyinaa bɛyɛ ne dea.

[3] Ɔnam Onyankopɔn animuonyam hyerɛn a ɔhyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ wiase mu. Ɔtee nnipa ho firi wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Nyankopɔn nifa so wɔ soro.

[4] Ɛno nti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no.

[5] Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ, “Woyɛ me Ba na nnɛ, mabɛyɛ wʼAgya.” Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ, “Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.”

[6] Berɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsane kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”

[7] Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ, “Onyankopɔn yɛ nʼabɔfoɔ mframa ne nʼasomfoɔ gyadɛreeɛ.”

[8] Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ, “O, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhennie yɛ atɛntenenee.

[9] Wodɔ tenenee, na wokyiri bɔne, ɛno nti na Onyankopɔn a ɔyɛ wo Nyankopɔn no yii wo hyɛɛ wo animuonyam a ɛso sene wʼahokafoɔ no.”

[10] Onyankopɔn sane kaa sɛ, “Wo, Awurade na mfitiase no wobɔɔ asase na wode wʼankasa wo nsa bɔɔ soro.

[11] Ne nyinaa bɛtwam na wo deɛ wobɛtena hɔ; ne nyinaa bɛhi sɛ ntomago.

[12] Wɔbɛbobɔ no sɛ atadeɛ na wɔbɛsesa no sɛ ntadeɛ. Nanso, wo deɛ, daa wote sɛ deɛ wote, na wo mfeɛ renhi da.”

[13] Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no sɛ, “Montena me nifa so kɔsi sɛ mede mo atamfoɔ bɛyɛ mo nan ase ntiasoɔ.”

[14] Sɛ saa a, na abɔfoɔ no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagyeɛ no.

Hebrifoɔ — Chapters