[1] Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho.
[2] Na ɔdii Onyankopɔn a ɔyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii nokorɛ wɔ Onyankopɔn fie no.
[3] Onipa a ɔsi efie nya animuonyam sene ofie no ankasa.
[4] Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ sɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nnoɔma nyinaa.
[5] Mose dii Onyankopɔn nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ wɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa.
[6] Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidie wɔ yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fie.
[7] Enti Honhom Kronkron no ka sɛ, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a,
[8] monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ berɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ serɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no.
[9] Ɛhɔ no mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka nie, nanso, na wɔahunu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu.
[10] Ɛsiane saa nti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔfom daa wɔ wɔn koma mu, na wɔntie me mmaransɛm.’
[11] “Me bo fuiɛ na mekaa ntam sɛ, ‘Wɔremma me home mu da.’ ”
[12] Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho.
[13] Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho berɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no.
[14] Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi mfitiaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ.
[15] Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ berɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”
[16] Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa.
[17] Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfenhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ serɛ so no.
[18] Berɛ a Onyankopɔn kaa ntam sɛ, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefoɔ? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔayɛ no dɔm no.
[19] Afei, yɛhunu sɛ wɔantumi ankɔ home no mu, ɛfiri sɛ, wɔannye anni.