Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:17

[1] Yei nti na ɛsɛ sɛ yɛsɔ nokorɛ a yɛate no mu denden sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, biribi rentu yɛn aso.

[2] Nsɛm a abɔfoɔ no kaeɛ no yɛ nokorɛ enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no.

[3] Na sɛ yɛantie saa nkwagyesɛm yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane? Awurade no ankasa na ɔdii kan kaa saa nkwagyeɛ yi ho asɛm na wɔn a wɔtiee no no, ama yɛahunu sɛ ɛyɛ nokorɛ.

[4] Saa berɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne tumideyɔ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ.

[5] Onyankopɔn amma abɔfoɔ anni wiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa wiase a yɛka ho asɛm no.

[6] Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi sɛ: “Onyankopɔn, onipa yɛ deɛn a ɛsɛ sɛ wodwene ne ho; onipa teta a ɛsɛ sɛ wohwɛ no?

[7] Wobɔɔ no maa ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ; wohyɛɛ no animuonyam,

[8] sɛ ɔnni nnoɔma nyinaa so.” Ɛka sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa. “Nnoɔma nyinaa sodifoɔ,” yei da no adi sɛ biribiara ka ho. Nanso, yɛnhunu sɛ seesei onipa di nnoɔma nyinaa so.

[9] Nanso, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi wɔbɔɔ no hyɛɛ abɔfoɔ ase sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɛnam Onyankopɔn ahummɔborɔ nti, ɛsɛ sɛ ɔwu ma nnipa nyinaa no. Yɛhu no sɛ ɛsiane owu a ɔwuiɛ no nti, wɔahyɛ no animuonyam.

[10] Ɛyɛ sɛ Onyankopɔn a ɔbɔ nnoɔma nyinaa na ɔhwɛ so no bɛma Yesu nam nʼamanehunu no mu ayɛ pɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɔbɛma ne mma nyinaa akɔ saa animuonyam no mu bi. Ɛfiri sɛ, Yesu no nko ara ne Onipa a ɔbɛdi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ no mu.

[11] Ɔma nnipa yɛ kronn firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronn no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno nti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no.

[12] Ɔka sɛ, “Onyankopɔn, mɛka wo ho asɛm makyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.”

[13] Ɔsane ka bio sɛ, “Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.” Na ɔno nso ka sɛ, “Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me na me ne wɔn ahyia yi.”

[14] Ɛsiane sɛ mma no wɔ honam ne mogya nti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a ɔnam ne wuo no so bɛsɛe ɔbonsam a ɔkuta owuo tumi no ahoɔden.

[15] Na ɔnam so agye wɔn a ɛsiane sɛ wɔsuro owuo nti, wɔn asetena mu nyinaa, wɔayɛ nkoa no.

[16] Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔboa wɔn. Na mmom, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefoɔ.”

[17] Yei kyerɛ sɛ, ɛkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɔbɛyɛ wɔn nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Ɔsɔfopanin wɔ ne Nyamesom mu na ɛnam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn.

[18] Enti afei, ɔbɛtumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ ɛfiri sɛ, ɔno ankasa wɔsɔɔ no hwɛeɛ maa ɔhunuu amane.

Hebrifoɔ — Chapters