[1] Afei, ɛsiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home da so wɔ hɔ nti, momma yɛnhwɛ yie na mo mu bi antɔ sini wɔ mu.
[2] Ɛfiri sɛ wɔaka Asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso, wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔtiee no no annye anni.
[3] Na yɛn a yɛagye adi no kɔ saa home no mu sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ, ‘Wɔrenkɔ me home mu da.’ ” Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri berɛ a ɔbɔɔ wiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada.
[4] Na Atwerɛsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛtɔ so nson no ho sɛ, “Da a ɛtɔ so nson no, Onyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.”
[5] Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛn asase a anka mɛma wɔn ahome wo mu no mu da.”
[6] Wɔn a wɔdii kan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afoforɔ bi nso wɔ hɔ a wama wɔn kwan sɛ wɔnnya ahome no.
[7] Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi da bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a mommpirim mo koma.”
[8] Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyire yi Onyankopɔn anka da foforɔ ho asɛm.
[9] Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no.
[10] Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no.
[11] Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.
[12] Onyankopɔn asɛm te ase nnam so. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛtwa kɔsi baabi a honhom ne ɔkra hyia. Ɛtwa kɔ baabi a apɔ ne dompe kyim hyia. Ɛbu deɛ nnipa adwene ne wɔn koma pɛ ho atɛn.
[13] Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.
[14] Eno nti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim.
[15] Yɛn Sɔfopanin no nyɛ obi a ɔntumi nte nka mma yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ ho. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan hodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne.
[16] Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ahennwa a adom wɔ mu no ho, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn berɛ a yɛn ho akyere yɛn no mu.