Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:44

[1] Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, ɛnna ɔsane yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ. Berɛ a Abraham firi ɔko a ɔkum ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no.

[2] Abraham maa no nʼasadeɛ no mu nkyɛmu du mu baako. Melkisedek din no nkyerɛaseɛ a ɛdi kan no ne Teneneehene. Ɛsiane sɛ na ɔyɛ Salemhene no nti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoeɛhene.

[3] Obi nnim Melkisedek papa, ne maame, ne ne mpanimfoɔ ho asɛm. Saa ara nso na obi nnim nʼawoɔ ne ne wuo nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfoɔ daadaa.

[4] Yei di ho adanseɛ sɛ na ɔyɛ onipa kɛseɛ a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasadeɛ mu nkyɛmu du mu baako.

[5] Nanso, Lewi asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnnye nkyɛmu du mu baako mfiri wɔn ara wɔn nkurɔfoɔ Israelfoɔ nkyɛn a wɔn nso yɛ Abraham asefoɔ no.

[6] Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ɔgyee nkyɛmu du mu baako firii Abraham nkyɛn hyiraa no maa ɔnyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no.

[7] Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ deɛ ɔma nhyira so sene deɛ ɔgye nhyira.

[8] Wɔde nnipa akatua nkyɛmu du mu baako ma Asɔfoɔ, nanso asɔfoɔ yi nyinaa wu, gye Melkisedek a Atwerɛsɛm no ka sɛ ɔte ase.

[9] Enti, nokorɛm, Abraham tuaa nkyɛmu du no, Lewi a nʼasefoɔ gye nkyɛmu du no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek.

[10] Na wɔnwoo Lewi, nanso ɛsiane sɛ na ɔhyɛ ne nana Abraham mu saa berɛ no a Melkisedek hyiaa no no nti na ɔtuaeɛ.

[11] Ɛnam Lewi asɔfodie so nti na wɔde Mmara no maa Israelfoɔ. Ɛno nti sɛ Lewifoɔ asɔfoɔ no yɛɛ wɔn adwuma yie a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfoɔ foforɔ bi sɛ Melkisedek a ɔmfiri Aaron abusua mu.

[12] Sɛ ɛba sɛ asɔfodie no sesa a, ɛma ɛho mmara no nso sesa.

[13] Nanso, yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no firi abusua foforɔ mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfoɔ wɔ afɔrebukyia ho da.

[14] Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfoɔ ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da.

[15] Asɛm no da ne ho adi pefee, ɛfiri sɛ, ɔsɔfoɔ foforɔ bi aba a ɔte sɛ Melkisedek.

[16] Ɔno deɛ, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ, na mmom wɔnam nkwa a ɛnni awieɛ tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfoɔ.

[17] Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ daa nyinaa, sɛdeɛ Melkisedek asɔfoɔ kwan nhyehyɛɛ teɛ no.”

[18] Wɔato mmara dada no atwene, ɛfiri sɛ, na ɛmu yɛ mmerɛ na ɛho nni mfasoɔ nso.

[19] Na Mose Mmara no nso antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Wɔde anidasoɔ pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba.

[20] Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Berɛ a ɔhyɛɛ afoforɔ bi asɔfoɔ no na ntam a ɛte saa nni hɔ.

[21] Yesu nam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfoɔ berɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade aka ntam; na ɔrensesa nʼadwene: ‘Wobɛyɛ ɔsɔfoɔ daa nyinaa.’ ”

[22] Saa ntam yi nti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu.

[23] Nsonoeɛ foforɔ bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfoɔ no dɔɔso, ɛfiri sɛ, na wɔwuwu a wɔntumi ntoa wɔn adwuma so.

[24] Nanso, Yesu deɛ, ɔwɔ hɔ daa na nʼasɔfodwuma no nso, obi ntoa so mma no.

[25] Enti, ɔtumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no ɛnnɛ ne daa, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn.

[26] Yesu ne Ɔsɔfopanin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Ɔnni mfomsoɔ biara wɔ ne mu na ɔnyɛ bɔne. Wɔate no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho na wɔapagya no aboro ɔsoro so.

[27] Ɔnte sɛ asɔfoɔ mpanin a aka no a, daa afɔrebɔ a ɔbɔ no kane no ɔbɔ wɔ ne bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforɔ deɛ no. Ɔbɔɔ afɔdeɛ baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔeɛ.

[28] Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata ma wɔyɛ asɔfoɔ mpanin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛtaa Mmara no akyi no, yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no.

Hebrifoɔ — Chapters