Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:17

[1] Saa nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu nti, ɔyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn. Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon

[2] ne asafo a wɔhyia wɔ wo fie no ne yɛn nuabaa Apia ne yɛn yɔnko sraani Arkipo no.

[3] Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

[4] Onua Filemon, berɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mebɔ bi ma wo na meda me Nyankopɔn nso ase.

[5] Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne gyidie a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no.

[6] Sɛdeɛ wo ne afoforɔ kura gyidie korɔ mu no, me bɔ mpaeɛ sɛ wɔn nso bɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.

[7] Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

[8] Sɛ me yɛ wo nua wɔ Kristo mu nti, metumi de akokoduro kasa kyerɛ wo, hyɛ wo, ma woyɔ deɛ ɛsɛ sɛ woyɔ.

[9] Nansoɔdɔ so na menam de saa asɛm yi reto wʼanim. Me Paulo a meyɛ akora ɛne Kristo Yesu deduani no, resrɛ ama

[10] Onesimo a ɔyɛ me ba wɔ Kristo mu, ɛfiri sɛ, berɛ a meda afiase no, na ɔyɛ me ba wɔ honhom mu.

[11] Berɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho wɔ mfasoɔ ma me ne wo.

[12] Merema no asane nʼakyi aba wo nkyɛn seesei ara. Yei tesɛ deɛ meresoma mʼankasa honam mu akwaa bi aba wo nkyɛn.

[13] Ɛsiane asɛmpa no nti, mepɛ sɛ ɔtena me nkyɛn berɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me.

[14] Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno nti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so.

[15] Ebia na Onesimo firii wo nkyɛn bere tiawa bi sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wobɛgye no ato mu afebɔɔ.

[16] Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu.

[17] Enti, sɛ wodwene me ho sɛ wo fafafoɔ a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛdeɛ wobɛgye me no ara.

[18] Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, dane ma me.

[19] Ɛha deɛ, me ara mede me nsa bɛhyɛ aseɛ sɛ: Me Paulo, mɛtua wo ka. Mma wo werɛ mfiri sɛ magye wo kra nkwa

[20] Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade nti, yɛ me saa adɔeɛ yi; ka me koma hye sɛ wo nua wɔ Kristo mu.

[21] Mewɔ anidasoɔ sɛ, deɛ meretwerɛ wo yi, wobɛyɛ ama aboro deɛ merebisa wo yi so.

[22] Afei pɛ ɛdan ma me ɛfiri sɛ, menim sɛ Onyankopɔn bɛtie mo mpaebɔ ama mabɛka mo ho bio.

[23] Epafra a Kristo Yesu nti ɔne me da afiase no kyea wo.

[24] Saa ara nso na Marko, Aristako, Dema ne Luka nso kyea wo.

[25] Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.