Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:32

[1] Na ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛnn ne torobɛnto. Na mihuu nsoromma bi a efi soro atɔ asase so, na wɔde ebun abura ano safe maa no.

[2] Na obuee ebun abura no ano, na owusiw a ɛte sɛ ɔfononoo kɛse mu wusiw fii abura no mu, na owia ne ahun mu duruu sum, abura no mu wusiw no nti.

[3] Na mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛe asase so nkekantwɛre tumi.

[4] Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asase so nwura anaa ahaban momono biara anaa dua biara, gye nnipa a wonni Nyankopɔn nsɔano wɔn moma so no nko.

[5] Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wonnkum wɔn, na mmom wɔnhaw wɔn asram anum. Na wɔn haw no te sɛ nkekantwɛre a ɔka onipa bi de.

[6] Na nna no mu no, nnipa bɛhwehwɛ owu, na wɔrennya, na wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan wɔn.

[7] Na mmoadabi no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko de, na biribi wowɔ wɔn ti so te sɛ sika kɔkɔɔ abotiri, na wɔn anim te sɛ nnipa anim.

[8] Na wɔwowɔ nwi te sɛ mmea nwi, na wɔn se te sɛ agyata se.

[9] Na wɔwowɔ nkatabo te sɛ dade nkatabo, na wɔn ntaban mu gyegyeegye te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam de.

[10] Na wɔwowɔ dua te sɛ nkekantwɛre, na nwowɔe wɔ wɔn dua mu, na wɔn tumi ne sɛ wɔnhaw nnipa asram anum.

[11] Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bun no mu bɔfo a wɔfrɛ ne din Hebri kasa mu sɛ: Abadon, na Hela kasa mu de, ɛde Apolion.

[12] Mmusu biako atwam. Hwɛ, eyi akyi mmusu abien da so reba.

[13] Na ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛnn ne torobɛnto. Na metee nne biako a efi sika afɔremuka a esi Nyankopɔn anim no mmɛn anan no mu

[14] a ɛka kyerɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a ɔwɔ torobɛnto no sɛ: Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛse Eufrate ho no.

[15] Na wɔsansan abɔfo baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne ɔsram ne afe sɛ wonkunkum nnipa nkyɛm abiɛsa no mu biako.

[16] Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so no ano si ɔpedu ahorow ɔpeduonu.

[17] Na sɛnea mihuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so no, anisoadehu no mu ni: Wɔwɔ ogya ne afasebiri ne sufre nkatabo, na apɔnkɔ no ti tete sɛ gyata ti, na ogya ne wusiw ne sufre fifi wɔn anom.

[18] Wɔnam ɔhaw abiɛsa yi so de gya ne wusiw ne sufre a efifi wɔn anom no so kunkum nnipa nkyɛm abiɛsa mu biako.

[19] Na apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano ne wɔn dua mu. Na wɔn dua no te sɛ awɔ, na ɛwowɔ ti, na ɛno na wɔde pira.

[20] Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw horow yi mu no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne abo ne duaahoni a enhu ade na ɛnte asɛm nanso entumi nnantew.

[21] Na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn korɔno ho.

Yohane Adiyisɛm — Chapters