Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:17

[1] Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu,

[2] ne kurow no abɔnten mfinimfini ne Asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.

[3] Na mmusu biara nni hɔ bio; na Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no na ebesi mu, na ne nkoa bɛsom no,

[4] na wobehu n’anim, na ne din wɔ wɔn moma so.

[5] Na anadwo nni hɔ, na ɔkanea anaa owia hann nhia wɔn, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wobedi ahene daa daa.

[6] Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware, na Awurade, adiyifo ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa ade a etwa sɛ ɛba ntɛm.

[7] Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne nea okura nhoma yi mu adiyisɛm mu.

[8] Na me, Yohane, ne nea ohuu nneɛma yi na ɔtee. Na metee na mihui no, mehwee ase sɛ merekotow ɔbɔfo a ɔkyerɛɛ me nneɛma yi nan ase.

[9] Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wokura nhoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Kotow sɔre Nyankopɔn!

[10] Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɔ nhoma yi mu adiyisɛm ano, na ɛbere no abɛn.

[11] Nea ɔnteɛ no nnteɛ ara, na nea ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na nea ɔteɛ no nteɛ ara, na nea ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.

[12] Hwɛ, mereba ntɛm, na mikura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛnea n’adwuma te.

[13] Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyidifo, mfiase ne awiei no.

[14] Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, sɛnea wɔbenya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu.

[15] Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguamammɔfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ.

[16] Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ommedi mo nneɛma yi ho adanse asafo no mu. Mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no.

[17] Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.

[18] Mebɔ obiara a ɔte nhoma yi mu adiyi nsɛm no kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de biribi ka nneɛma yi ho a, Onyankopɔn de ɔhaw horow a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no bɛka no ho.

[19] Na sɛ obi yi adiyi nhoma yi mu nsɛm bi a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa afi nkwa dua ne kurow kronkron a wɔakyerɛw ho nsɛm nhoma yi mu no mu.

[20] Nea odi nneɛma yi ho adanse no se: Yiw, mereba ntɛm. Amen. Awurade Yesu, bra!

[21] Yɛn Awurade Yesu adom nka mo nyinaa.[ Amen.]

Yohane Adiyisɛm — Chapters