Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:59

[1] Na eyinom akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro resian ba, na ɔwɔ tumi kɛse, na n’anuonyam nti asase haranee.

[2] Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ: Wahwe ase, Babel kɛse no ahwe ase, na adan ahonhommɔne tenabea ne ahonhom fi nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fi na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.

[3] Efisɛ amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi, na asase so ahene ne no abɔ aguaman, na asase so aguadifo nam ne taamudi ahoɔden so anya wɔn ho.

[4] Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.

[5] Efisɛ ne nneyɛe bɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.

[6] Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka, na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te. Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no.

[7] Dodow a ɔhyɛɛ ne ho anuonyam na odii taamu no, momma n’ayayade ne n’awerɛhow nnɔɔso saa; Efisɛ ɔkae ne komam sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmea, na menyɛ okunafo, na merenni awerɛhow da.

[8] Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.

[9] Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ aguaman na wɔadi taamu no, sɛ wohu ne hyew wusiw a, wobesu no, na wɔabobɔ ne ho abubuw.

[10] N’aninyanne no suro nti wobegyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kurow kɛse Babel, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.

[11] Na asase so aguadifo besu no na wɔadi ne ho nkɔmmɔ, efisɛ obi ntɔ wɔn aguade bio:

[12] Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden abo, nhene pa, nwera pa, ntama afasebiri, sedaa ne nkranhoma aguade, nnua a ɛyɛ huam nyinaa, asommɛn adwinni a wɔde nnua a ɛwɔ din, ayowa, dade ne abohemmaa ayɛ nyinaa,

[13] pɛprɛ, mmurongo, nnuru huamhuam, kurobow, huamfufu, nsa, ngo, asikresam muhumuhu, awi, nyɛmmoa, nguan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra.

[14] Na nnuaba a wo kra kɔn dɔ no afi wo nkyɛn, na nnepa ne anuonyanne nyinaa afi wo ho ayera, na worenhu bio koraa.

[15] Nneɛma yi ho aguadifo a kurow no nti wɔanya ade no, begyinagyina akyiri n’aninyanne no suro nti, na wɔasu na wɔadi nkɔmmɔ sɛ:

[16] Due, due, kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri ne nkranhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho.

[17] Efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi. Na hyɛn akwankyerɛfo nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa ne hyɛn mufo ne dodow a wɔyɛ po so adwuma gyinagyina akyiri,

[18] na wohuu ne hyew wusiw no, wɔteɛɛm sɛ: Kurow bɛn na ɛte sɛ kurow kɛse yi?

[19] Na wɔde dɔte guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teɛɛm sɛ: Due, due, kurow kɛse yi a n’aboɔdenne nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ po so nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.

[20] Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.

[21] Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo bi a ɛte sɛ owiyammo kɛse so tow kyenee po mu kaa sɛ: Sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babel akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa.

[22] Na wɔrente asankubɔfo ne nnwontofo ne mmɛnhyɛnfo ne ntorobɛntohyɛnfo nne wo mu bio, na wɔrenhu adwinni bi mu dwumfo biara wo mu bio, na wɔrente wiyammo biara nka wo mu bio,

[23] na ɔkanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforokunu ne ayeforo nne wo mu bio, efisɛ w’aguadifo yɛɛ asase so nnipa akɛse, na wɔde w’aduto adaadaa amanaman nyinaa.

[24] Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.

Yohane Adiyisɛm — Chapters