Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:04

[1] Eyi akyi no mihuu abɔfo baanan a wogyinagyina asase afanan no ano kurakura asase mframa anan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.

[2] Na mihuu ɔbɔfo foforo a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano sɛ ofi owia apuei reba, na ɔde nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no

[3] sɛ: Monnhaw asase anaa ɛpo anaa nnua kosi sɛ yɛde agyirae besisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma so.

[4] Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow: Mpem ɔha aduanan anan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuw nyinaa mu.

[5] Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumien, Ruben abusuakuw mu, mpem dumien, Gad abusuakuw mu, mpem dumien,

[6] Aser abusuakuw mu, mpem dumien, Naftali abusuakuw mu, mpem dumien, Manase abusuakuw mu, mpem dumien,

[7] Simeon abusuakuw mu, mpem dumien, Lewi abusuakuw mu, mpem dumien, Isakar abusuakuw mu, mpem dumien,

[8] Sebulon abusuakuw mu, mpem dumien, Yosef abusuakuw mu, mpem dumien, Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano, mpem dumien.

[9] Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw,

[10] na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.

[11] Na abɔfo no nyinaa atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuw fam, ahengua no anim, na wɔkotow Nyankopɔn

[12] to dwom sɛ: Amen, nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa! Amen.

[13] Na mpanyimfo no mu biako bisaa me sɛ: Eyinom a wɔhyehyɛ ntade yuu fitaa yi yɛ henanom, na wofi he?

[14] Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.

[15] Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so.

[16] Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahohuru biara rento wɔn.

[17] Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.

Yohane Adiyisɛm — Chapters