[1] Na metee nne kɛse bi a efi asɔredan no mu ka kyerɛɛ abɔfo baason no sɛ: Monkɔ nkohwie Onyankopɔn abufuw nkuruwa ason no ngu asase so.
[2] Na nea odi kan no kɔe, na okohwiee ne kuruwa no guu asase so. Na akisikuru bɔne baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no so.
[3] Na nea ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdan sɛ owufo mogya, na ɛpo no mu nyinaa mmoa nyinaa wuwui.
[4] Na nea ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔnten ne asuti mu, na ɛdan mogya.
[5] Na metee sɛ nsu so bɔfo no se: Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dedaw, na woyɛ kronkron, woteɛ, efisɛ woabu atɛn saa,
[6] na wɔahwie ahotefo ne adiyifo mogya agu, na woama wɔn mogya anom; wɔfata saa.
[7] Na metee sɛ ɛnne bi fi afɔremuka no mu a ese: Yiw, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, w’atemmu yɛ nokware ne trenee.
[8] Na nea ɔto so anan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa ogya nhyehye nnipa.
[9] Na wɔde ahohuru kɛse hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ haw mmusu yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakra wɔn adwene anhyɛ no anuonyam.
[10] Na nea ɔto so anum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahengua so. Na n’ahenni dan sum, na ɛyaw no nti wɔkekaa wɔn tɛkrɛma,
[11] na wɔn yaw ne wɔn akisikuru nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔn nnwuma mu.
[12] Na nea ɔto so asia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛse Eufrate mu, na emu nsu yowee, na wɔasiesie kwan ama ahene a wofi owia apuei noho.
[13] Na mihuu ahonhom fi abiɛsa a wɔte sɛ mpɔtorɔ sɛ wofi ɔtweaseɛ no anom ne aboa no anom ne atoro diyifo no anom.
[14] Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnne, na wofi kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, da kɛse no mu ko no.
[15] (Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu ne kwaterekwa).
[16] Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.
[17] Na nea ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no guu ahun mu. Na ɛnne kɛse bi fi asɔredan no mu, fi ahengua no mu, se: Wɔawie.
[18] Na anyinam nne ne aprannaa bae, na asasewosow kɛse a efi bere a nnipa baa asase so no wonhuu so asasewosow kɛse saa pɛn bae.
[19] Na kurow kɛse no mu paee afaafa abiɛsa, na amanaman nkurow hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛse no, Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuw a emu yɛ den no nsa kuruwa.
[20] Na nsupɔw nyinaa guanguanee, na wɔanhu mmepɔw bi bio.
[21] Na asukɔtwea akɛse a ɛte sɛ dwetikɛsebo fi soro guguu nnipa so, na asukɔtwea no haw nti nnipa kaa Onyankopɔn ho abususɛm, efisɛ ɔhaw no so kɛse.