Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:59

[1] Paulo, Kristo Yesu somafo, sɛnea yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔne yɛn anidaso no hyɛe no,

[2] de kɔma Timoteo a ɔyɛ gyidi mu ɔba nokwarem: Ɔdom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

[3] Sɛnea merekɔ Makedonia mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso, na woatu nnipa bi fo sɛ wɔnnkyerɛ ɔkyerɛ foforo,

[4] nso wonntie anansesɛm ne anato a enni awiei a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sen Onyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidi mu no.

[5] Na afotusɛm no botae ne ɔdɔ a efi koma kronn ne ahonim pa ne gyidi a nkontompo nnim mu.

[6] Ɛno na ebinom atere ho adan akɔ nsɛnhuhuw mu

[7] pɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfo, nanso wɔnte nea wɔka ne nea wɔhyɛ mu den no ase.

[8] Na yenim sɛ mmara no, sɛ obi di so sɛ ɛte a, eye.

[9] Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔtreneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofo ne asowuifo, wɔn a wɔmfɛre Nyankopɔn ne nnebɔneyɛfo, wɔn a wɔn ho ntew na wɔn ho agu fi, agya ne ɛna awudifo, nnipakumfo,

[10] aguamammɔfo ne a wɔne mmarima da, nnipatɔnfo, atorofo, ntantofo, ne biribiara a ɛka ho a ɛne kyerɛ pa no di asi,

[11] sɛnea nhyira Nyankopɔn anuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa no te no.

[12] Na meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom no mu.

[13] Ɛwom sɛ na anka kan no, meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu.

[14] Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu.

[15] Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo a me na midi wɔn mu kan.

[16] Nanso eyi nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a midi kan mu na Yesu Kristo beyi abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ wɔn a wɔrebegye no adi akɔ daa nkwa mu no nhwɛso.

[17] Nanso mmeresanten hene, Onyankopɔn koro a ɔtease daa a wonhu no no, nidi ne anuonyam nka no, mmeresanten mfesanten. Amen!

[18] Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛnea adiyisɛm a wɔkae wɔ wo ho kan no te no, sɛ fa so ko ɔko pa no,

[19] na nya gyidi ne ahonim pa a ebinom agyaa mu na wɔagu asu gyidi ho no.

[20] Wɔn mu bi ne Himeneo ne Aleksanda a mayi wɔn mama Satan, sɛ wɔntwe wɔn aso na wɔanka abususɛm.

Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo — Chapters