Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 1:51

[1] Na afei, nea edi ne nyinaa kan no, mitu fo sɛ wɔnyɛ nkotosrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa,

[2] ahemfo ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.

[3] Na eyi ye, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn

[4] a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani.

[5] Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro, ɔne onipa Kristo Yesu

[6] a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa, — sɛ ɛnyɛ adanse ɛbere a wɔahyɛ mu.

[7] Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne somafo (meka nokware, minni atoro), amanaman kyerɛkyerɛfo, gyidi ne nokware mu.

[8] Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu.

[9] Saa ara nso na mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu,

[10] na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmea a woyi onyamesom kyerɛ mu.

[11] Mmea nyɛ komm nsua asɛm no ahobrɛase nyinaa mu.

[12] Ɔbea de, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so, na mmom ɔnyɛ komm.

[13] Efisɛ wɔbɔɔ Adam kan, ansa na Hawa dii hɔ.

[14] Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbea no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara;

[15] nanso sɛ ɔtena gyidi ne ɔdɔ ne ahotew ne adwenemtew mu a, wobegye no nkwa n’abawo mu.

Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo — Chapters