Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 2:00

[1] Na honhom no ka no pefee sɛ nna no mu no, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho,

[2] atorokyerɛfo nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awu.

[3] Wosiw aware ho kwan ka se wontua wɔn ho nnuan a Onyankopɔn bɔe sɛ gyidifo ne wɔn a wɔahu nokware mfa aseda nni bi no.

[4] Na Onyankopɔn abɔde nyinaa ye, na sɛ yɛde aseda gye a, ɛnne ɛnsɛ sɛ yekyi biribiara;

[5] efisɛ wɔde Onyankopɔn asɛm ne mpaebɔ na ɛtew ho.

[6] Sɛ wode eyinom kyerɛ anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa a wudii akyiri no nsɛm ayɛn no.

[7] Na mmerewa anansesɛm huhuw no de gu, na bɔ onyamesom pa ho mmɔden;

[8] na ɔhonam mu mmɔdemmɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.

[9] Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa.

[10] Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.

[11] Eyinom na tu ho fo dennennen na kyerɛkyerɛ!

[12] Mma obi mmmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.

[13] Bata akenkan, afotu ne nkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba.

[14] Mma wo mu adom akyɛde a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanyimfo nsa a wɔde guu wo so de maa wo no nnna hɔ kwa.

[15] Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.

[16] Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tena mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.

Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo — Chapters